Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Habakkuk 3 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Habakuk Mpaeɛbɔ

1Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:

2Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho,Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so.Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu.Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.

3Onyankopɔn firi Teman baeɛ,Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so,Nʼanimuonyam kata ɔsoro,na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.

4Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia.Ɛhan no twa ogya firi ne nsam,Ɛhɔ na ne tumi ahinta.

5Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ.

6Sɛ ɔgyina a, asase woso.Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso.Tete mmepɔ dwiri,na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so.Nʼakwan nntwa mu da.

7Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛne Midianfoɔ atenaeɛ a agyigya.

8Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?Wosɔre tiaa ɛpo,ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔne nkonimdie nteaseɛnam nam.

9Woyii wo tadua,Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree.Wode nsubɔntene paapae asase mu.

10Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛNsuohwiam bɛsene kɔeɛ.Ebunu no woro so,na ɛhuru baa soro.

11Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ,ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann none wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.

12Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase sona wode abufuo tiatiaa aman no so.

13Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ,na woagye deɛ wɔasra no no nkwa.Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ,wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.

14Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu,ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔremmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.

15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu,ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.

16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ,nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri;aporɔ hyɛnee me nnompe mu,na me nan wosoeɛ.Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛamanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.

17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,na aba nso nni bobe no so;ɛwom, ngo dua no adi hwammɔna mfuo no mmɔ aduane.Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,na anantwie nso nni ban no mu.

18Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu;me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn aɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

19Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden.Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,ɔma me nante sorɔnsorɔmmea.Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]