Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 6 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie: 2Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.

3Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no. 4Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. 5Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. 6Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?

7Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.

8Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea?Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim amfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

9Deɛ aniwa hunu noyɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.Yei nso yɛ ahuhudeɛ.Ɛte sɛ wotaa mframa.

10Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada,na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔdensene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.

11Nsɛm dɔɔso a,emu aba yɛ kakraa bi,na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?

12Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]