Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Remember, our Father, what has happened to us; look and see our disgrace. Awurade, kae nea aba yɛn so; hwɛ, na hu yɛn animguase.
2 Our inheritance has been turned over to strangers, our homes to foreigners. Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho, wɔde yɛn afi ama ananafo.
3 We have become orphans, fatherless; our mothers are like widows. Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom, yɛn nanom yɛ akunafo.
4 We pay for our own water to drink; even firewood costs us money. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom; yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.
5 Our pursuers are at our necks; we are worn out and given no rest. Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; Yɛabrɛ na yennya ahomegye.
6 We submitted to Egypt and Assyria just to get enough bread. Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.
7 Our ancestors sinned, and are no more; and we bear their punishment. Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio, na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.
8 Slaves rule over us; there is no one to free us from their grip. Nkoa di yɛn so, na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.
9 We risk our lives to get our bread, because of the sword in the wilderness. Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan, afoa a ɛwɔ sare so no nti.
10 Our skin is hot as an oven, scorched by the burning heat of famine. Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.
11 Women are violated in Zion, virgins in the cities of Judah. Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion, ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.
12 Princes are hung up by their hands; the elders receive no respect. Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.
13 Young men toil at the millstones; boys stagger under loads of wood. Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so; na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
14 The elders have left the city gate, the young men their music. Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio; mmerante agyae wɔn nnwonto.
15 The joy of our hearts has ceased; our dancing has turned to mourning. Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu; yɛn asaw adan agyaadwotwa.
16 The crown has fallen from our head. Woe to us, for we have sinned! Ahenkyɛw afi yɛn ti so. Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!
17 Because of this our heart has grown faint; because of these things our eyes have grown dim. Eyi nti yɛn koma atɔ beraw, eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu
18 For Mount Zion lies desolate; jackals prowl over it. wɔ Sion bepɔw a ada mpan na sakraman nenam so no nti.
19 You, our Father, are enthroned forever; your throne endures from generation to generation. Wo, Awurade, di hene afebɔɔ; wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
20 Why do you forget us forever, forsake us for so many days? Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi? Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?
21 Restore us to yourself, our Father, and we will return; renew our days as they once were, Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn; yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no
22 unless you have utterly rejected us, and are angry with us beyond measure. gye sɛ woapo yɛn koraa anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]