Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 4 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 How the gold has grown dim, how the purest gold is changed! The sacred stones lie scattered at every street corner. Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa! Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete wɔ abɔnten biara so.
2 The precious children of Zion, once worth their weight in fine gold, how they are now counted as clay pots, the work of a potter's hands! Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ, mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku, ɔnwemfo nsa ano adwuma!
3 Even jackals offer the breast and nurse their young, but the daughter of my people has turned cruel, like ostriches in the wilderness. Mpo adompo yi wɔn nufu ma wɔn mma num, nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo sɛ sohori a ɔwɔ sare so.
4 The tongue of the nursing infant sticks to the roof of its mouth from thirst; the children beg for bread, but no one gives them a piece. Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmofra no srɛ aduan, nanso obiara mfa mma wɔn.
5 Those who once feasted on delicacies now lie desolate in the streets; those who grew up wearing fine purple now cling to ash heaps. Wɔn a na anka wodi nnuan pa no ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so. Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.
6 The guilt of the daughter of my people is greater than the sin of Sodom, which was overthrown in a moment, though no human hand was laid against her. Me nkurɔfo asotwe so sen Sodom a wotuu wɔn mpofirim no, a wɔannya ɔboafo biara de.
7 Her princes were purer than snow, whiter than milk; their bodies more rosy than coral, their form like sapphire. Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma, na wɔnan sen nufusu, na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ hoabo.
8 Now their appearance is blacker than soot; they go unrecognized in the streets. Their skin has shriveled on their bones; it has dried up like wood. Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ; na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so. Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ho awo wosee sɛ abaa.
9 Those slain by the sword were better off than those slain by hunger, who wasted away, pierced through with hunger for lack of food from the fields. Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn; ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu, esiane aduan a enni mfuw so nti.
10 The hands of compassionate women boiled their own children; they became their food when the daughter of my people was destroyed. Mmea a wɔwɔ ayamhyehye de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduan, bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.
11 Our Father gave full vent to his wrath; he poured out his burning anger and kindled a fire in Zion that consumed her foundations. Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyew ne fapem.
12 The kings of the earth did not believe, nor did anyone living on earth, that an enemy or a foe could enter the gates of Jerusalem. Asase so ahemfo annye anni, wiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfo betumi ahyɛn Yerusalem apon mu.
13 It was for the sins of her prophets and the crimes of her priests, who shed in her midst the blood of the righteous. Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti, wɔn na wohwiee atreneefo mogya guu wɔ kuropɔn no mu.
14 They wandered blind through the streets, defiled with blood, so that no one could touch their garments. Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so te sɛ nnipa a wɔn ani afura. Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.
15 "Away! Unclean!" people cried at them. "Away! Away! Do not touch!" So they fled and wandered, and among the nations it was said, "They can stay here no longer." Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!” “Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ woguan kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka se, “Wɔrentumi ntena ha bio.”
16 Our Father's presence has scattered them; he will look on them no longer. No honor was shown to the priests, no favor to the elders. Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa nidi mma asɔfo, na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.
17 Our eyes grew weary watching in vain for help; from our watchtowers we watched for a nation that could not save. Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
18 They stalked our steps so we could not walk in our streets. Our end drew near, our days were numbered, for our end had come. Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu, enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna, efisɛ na yɛn awiei adu so.
19 Our pursuers were swifter than eagles in the sky; they chased us over the mountains and lay in wait for us in the wilderness. Yɛn ataafo ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ wim; wɔtaa yɛn faa mmepɔw so na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.
20 Our very life-breath, our Father's anointed, was captured in their pits—the one of whom we said, "Under his shadow we will live among the nations." Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no, kɔtɔɔ wɔn mfiri mu. Yegye dii sɛ ne nwini ase, yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.
21 Rejoice and be glad, daughter of Edom, you who live in the land of Uz; but the cup of his anger will come to you as well—you will become drunk and strip yourself bare. Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.
22 Your punishment is complete, daughter of Zion; he will not prolong your exile. But your guilt, daughter of Edom, he will punish; he will lay bare your sins. Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei; ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu. Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka na wada wʼamumɔyɛ adi.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]