Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 I am the man who has seen affliction under the rod of his wrath. Mene ɔbarima a mahu amane wɔ nʼabufuw abaa ano.
2 He has driven me away and made me walk in darkness without any light. Wapam me afi ne ho ama manantew sum mu na ɛnyɛ hann mu;
3 Surely against me he turns his hand again and again, all day long. Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, da mu nyinaa.
4 He has worn away my flesh and my skin; he has broken my bones. Wama me were ne me nam anyin Na wabubu me nnompe.
5 He has besieged me and surrounded me with bitterness and hardship. Waka me ahyɛ mu, na watua me ano ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.
6 He has made me dwell in darkness like those long dead. Wama matena sum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.
7 He has walled me in so I cannot escape; he has weighed down my chains. Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.
8 Even when I call out and cry for help, he shuts out my prayer. Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a osiw me mpaebɔ ano.
9 He has blocked my ways with cut stones; he has made my paths crooked. Ɔde abotan asiw me kwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10 He is a bear lying in wait for me, a lion in hiding. Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛw,
11 He drove me off my path and tore me to pieces; he has made me desolate. ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me na ogyaw me a minni mmoa biara.
12 He bent his bow and set me as the target for his arrow. Okuntun ne ta mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13 He drove the arrows of his quiver into my vitals. Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu hwirew me koma mu.
14 I have become the laughingstock of all my people, their mocking song all day long. Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw da mu nyinaa.
15 He has filled me with bitterness; he has sated me with bitterness. Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom.
16 He has made my teeth grind on gravel, and made me cower in the dust. Ɔde mmosea abubu me se; na watiatia me so wɔ mfutuma mu.
17 My soul has lost all peace; I have forgotten what happiness is. Wɔama asomdwoe abɔ me; na me werɛ afi yiyedi.
18 So I say, "My endurance has perished, and so has my hope from our Father." Enti mise, “Mʼanuonyam asa, nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19 Remember my affliction and my wandering, the bitterness and the gall! Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu, nweenwen ne bɔnwoma mu.
20 My soul continually remembers it and is bowed down within me. Mekae yiye, na me kra abotow wɔ me mu.
21 But this I call to mind, and therefore I have hope: Nanso midwen eyi ho; saa nti mewɔ anidaso.
22 The covenant love of our Father never ceases; his mercies never come to an end; Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ. Nʼayamhyehye nni huammɔ.
23 they are new every morning; great is your faithfulness. Ɛyɛ foforo anɔpa biara; wo nokwaredi yɛ kɛse.
24 "Our Father is all I need," says my soul, "therefore I will hope in him." Meka kyerɛ me ho se, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25 Our Father is good to those who wait for him, to the soul who seeks him. Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ no no;
26 It is good to wait quietly for the salvation of our Father. Eye sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagye.
27 It is good for a man to bear the yoke in his youth. Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no wɔ ne mmerantebere mu.
28 Let him sit alone in silence when it is laid on him; Ma ɔntena ase komm, efisɛ Awurade de ato ne so.
29 let him put his mouth in the dust—there may yet be hope; Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu, ebia anidaso wɔ hɔ.
30 let him give his cheek to the one who strikes, and be filled with insults. Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no na ɔnhyɛ no aniwu.
31 For the Sovereign Father will not abandon forever. Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.
32 Though he causes grief, he will have compassion according to the abundance of his covenant love; Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye. Ne dɔ kɛse no to rentwa da.
33 for he does not willingly afflict or grieve people. Ofi amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.
34 To crush underfoot all the prisoners of the earth, Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw nneduafo a wɔwɔ asase no so a,
35 to deny a man justice in the sight of the Most High, sɛ wotiatia obi ahofadi so wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36 to deprive a man of justice in his case—the Sovereign Father does not approve. anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a, Awurade renhu saa nneɛma yi ana?
37 Who has spoken and it came to pass, unless the Sovereign Father has commanded it? Hena na obetumi aka na wama aba mu wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?
38 Is it not from the mouth of the Most High that both calamity and good come? Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na mmusu ne nnepa fi ana?
39 Why should a living man complain about the punishment for his sins? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40 Let us examine and test our ways, and return to our Father! Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
41 Let us lift up our hearts and our hands to our Father in heaven: Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:
42 "We have sinned and rebelled, and you have not forgiven. “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua na wamfa ankyɛ.
43 You have wrapped yourself in anger and pursued us, killing without pity; “Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn; na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.
44 you have wrapped yourself with a cloud so that no prayer can pass through. Wode wo ho asie omununkum mu nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.
45 You have made us scum and refuse among the peoples. Woayɛ yɛn atantanne ne nwura wɔ amanaman no mu.
46 All our enemies open their mouths against us; “Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn.
47 panic and pitfall have come upon us, devastation and destruction." Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease, mmubui ne ɔsɛe.”
48 My eyes flow with streams of water over the destruction of my people. Me nusu sen sɛ asuten efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.
49 My eyes will flow without ceasing, without respite, Me nusu bɛsen ara, na ɛrennyae,
50 until our Father looks down and sees from heaven. kosi sɛ Awurade bɛhwɛ afi ɔsoro, na wahu.
51 My eyes bring grief to my soul at the fate of all the daughters of my city. Nea mihu no ma me kra werɛ how, me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.
52 I have been hunted like a bird by those who were my enemies without cause; Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa.
53 they flung me alive into a pit and cast stones on me; Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so na wosiw me abo wɔ amoa mu;
54 water closed over my head; I said, "I am lost." nsu bu faa me ti so, na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.
55 I called on your name, my Father, from the depths of the pit; Mebɔɔ wo din, Awurade fii amoa no ase tɔnn.
56 you heard my plea: "Do not turn a deaf ear to my cry for help!" Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso wɔ me gye sufrɛ ho.”
57 You came near on the day I called on you; you said, "Do not fear!" Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no, na wokae se, “Nsuro.”
58 You have taken up my cause, Sovereign Father; you have redeemed my life. Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me; na wugyee me nkwa.
59 You have seen the wrong done to me, my Father; judge my cause. Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade. Di mʼasɛm ma me!
60 You have seen all their vengeance, all their plots against me. Woahu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61 You have heard their taunts, my Father, all their plots against me, Awurade, woate wɔn ntwirii, wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62 the lips and thoughts of my assailants against me all day long. nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa.
63 Watch their every move; I am the object of their mocking song. Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64 You will repay them, my Father, according to the work of their hands. Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade, nea wɔn nsa ayɛ nti.
65 You will give them hardness of heart; your curse will be on them. Pirim wɔn koma, na ma wo nnome mmra wɔn so.
66 You will pursue them in anger and destroy them from under the heavens of our Father. Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn fi Awurade ɔsorosoro ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]