Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 How the Sovereign Father in his anger has shrouded daughter Zion in a cloud! He has hurled down from heaven to earth the splendor of Israel; he has not remembered his footstool in the day of his anger. Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum akata Ɔbabea Sion so ni? Watow Israel anuonyam afi ɔsoro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiaso wɔ nʼabufuw da no.
2 The Sovereign Father has swallowed up without mercy all the dwellings of Jacob; in his wrath he has torn down the strongholds of daughter Judah. He has brought down to the ground in dishonor her kingdom and its rulers. Awurade annya ahummɔbɔ na wamene Yakob atenae nyinaa; nʼabufuwhyew mu, wadwiriw Yuda Babea abandennen no agu fam. Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma ho fi.
3 In fierce anger he has stripped Israel of all her strength; he has withdrawn his right hand and left them exposed to the enemy. He has burned in Jacob like a flaming fire that consumes on every side. Ɔde abufuwhyew atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne bammɔ wɔ bere a atamfo no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
4 He has bent his bow like an enemy, his right hand poised like a foe; and he has killed all who were lovely to see. In the tent of daughter Zion he has poured out his fury like fire. Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo; ne nsa nifa ayɛ krado. Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa; wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya agu Ɔbabea Sion ntamadan so.
5 The Sovereign Father has become like an enemy; he has swallowed up Israel. He has swallowed up all her palaces and laid in ruins her strongholds, and he has heaped mourning and lamentation on daughter Judah. Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo; wamene Israel. Wamene nʼahemfi nyinaa asɛe nʼabandennen. Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Babea.
6 He has stripped his shelter like a garden, he has ruined his appointed place. Our Father has made Zion forget appointed feast and sabbath, and in his fierce anger he has spurned king and priest. Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo; wasɛe nʼaguabɔbea. Awurade ama Sion werɛ afi nʼafahyɛ ne homenna; nʼabufuwhyew mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
7 The Sovereign Father has rejected his altar, disowned his sanctuary; he has handed over to the enemy the walls of her palaces. They raised a shout in the house of our Father as on a day of festival. Awurade apo nʼafɔremuka na wagyaa ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfi afasu ahyɛ nʼatamfo nsa. Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi te sɛ afahyɛ da.
8 Our Father determined to lay in ruins the wall of daughter Zion. He stretched out the measuring line; he did not hold back his hand from destroying. He made rampart and wall lament; together they fell to ruin. Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhama too ho na wannyae ɔsɛe no. Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo; wɔn nyinaa sɛee.
9 Her gates have sunk into the ground; he has ruined and broken her bars. Her king and her princes are among the nations; the law is no more, and her prophets find no vision from our Father. Nʼapon amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu a efi Awurade hɔ bio.
10 The elders of daughter Zion sit on the ground in silence; they have thrown dust on their heads and put on mourning clothes. The young women of Jerusalem have bowed their heads to the ground. Ɔbabea Sion mpanyimfo tete fam ayɛ komm; wɔde mfutuma agu wɔn tirim afurafura atweaatam. Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.
11 My eyes are worn out from weeping; my stomach churns; my heart is poured out on the ground because of the destruction of the daughter of my people, as children and infants faint in the streets of the city. Mʼani rentumi nnyae nisutew, me yafunu mu retwa me, me koma retew atɔ fam, efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo, efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔnten so.
12 They cry to their mothers, "Where is bread and wine?" as they faint like the wounded in the streets of the city, as their life is poured out in their mothers' arms. Wobisa wɔn nanom se, “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?” Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo wɔ kuropɔn no mmɔnten so, bere a wɔn nkwa resa wɔ wɔn nanom abasa so.
13 What can I say for you, to what can I compare you, daughter Jerusalem? What can I liken to you, that I may comfort you, virgin daughter Zion? For your ruin is vast as the sea; who can heal you? Asɛm bɛn na metumi aka ama wo? Dɛn ho na metumi de wo atoto, Ɔbabea Yerusalem? Dɛn na metumi de asusuw wo, de akyekye wo werɛ, Sion Babea Ɔbabun? Wʼapirakuru so sɛ po. Hena na obetumi asa wo yare?
14 Your prophets have seen for you false and deceptive visions; they did not expose your guilt to restore your fortunes, but have seen for you oracles that are false and misleading. Wʼadiyifo anisoadehu yɛ atoro a so nni mfaso; wɔanna mo amumɔyɛ adi ansiw mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atoro ne nnaadaa.
15 All who pass by clap their hands at you; they hiss and shake their heads at daughter Jerusalem: "Is this the city that was called the perfection of beauty, the joy of all the earth?" Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti gu Yerusalem Babea so ka se, “Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a edi mu no? Asase nyinaa anigyede no ni?”
16 All your enemies open their mouths against you; they hiss and gnash their teeth and cry, "We have swallowed her! This is the day we longed for; we have found it, we have seen it!" Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom tɛtrɛɛ tia wo; wɔserew na wɔtwɛre wɔn se na wɔka se, “Yɛamene no. Da a na yɛretwɛn no ni; Yɛatena ase ahu.”
17 Our Father has done what he purposed; he has carried out his word which he commanded long ago. He has torn down without pity; he has let the enemy gloat over you and raised up the power of your foes. Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dedaada no aba mu. Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfo no ani agye wama wʼatamfo no mmɛn so.
18 The people's heart cried out to the Sovereign Father. Wall of daughter Zion, let tears stream down like a torrent day and night! Give yourself no rest, your eyes no relief. Nnipa no koma su frɛ Awurade. Ɔbabea Sion afasu, momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten awia ne anadwo; munnye mo ahome momma mo ani nso nnya ɔhome.
19 Arise, cry out in the night at the start of each night watch! Pour out your heart like water before the Sovereign Father! Lift your hands to him for the lives of your children, who faint from hunger at every street corner. Sɔre, su dennen anadwo, ɔdasu mu mfiase; hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa nti, wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw wɔ mmɔnten so.
20 Look, our Father, and consider: whom have you ever treated like this? Should women eat their offspring, the children they have cradled? Should priest and prophet be killed in the sanctuary of the Sovereign Father? “Hwɛ na dwene ho, Awurade: Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo wɔ Awurade kronkronbea ana?
21 Young and old lie on the ground in the streets; my young women and my young men have fallen by the sword. You have killed them in the day of your anger, slaughtering without pity. “Mmofra ne mpanyin da adabum wɔ mmɔnten so mfutuma mu so, me mmerante ne mmabaa atotɔ wɔ afoa ano. Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda; woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
22 You summoned, as to a festival day, terrors on every side; and on the day of our Father's anger no one escaped or survived. My enemy has destroyed those I cradled and raised. “Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuw da no, obiara anguan na anka obiara: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]