Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 How lonely sits the city that once was full of people! She has become like a widow, she who was great among the nations. She who was a princess among the provinces has become a forced laborer. Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma! Adɛn nti na wayɛ okunafobea a kan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu? Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa nnɛ.
2 Bitterly she weeps in the night, tears on her cheeks. Among all her lovers she has no one to comfort her; all her friends have betrayed her, they have become her enemies. Osu yayaayaw anadwo, nusu sensan nʼafono so. Nʼadɔfo nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ. Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama Wɔayɛ nʼatamfo.
3 Judah has gone into exile under affliction and harsh servitude; she lives among the nations but finds no resting place. All her pursuers have overtaken her in the midst of her distress. Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommum mu. Ɔte amanaman no mu na onni ahomegyebea. Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato no wɔ nʼahokyere mu.
4 The roads to Zion mourn, for no one comes to the appointed feasts. All her gates are desolate, her priests groan, her young women grieve, and she herself is in bitter anguish. Akwan a ɛkɔ Sion no resu, efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapon nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfo si apini, ne mmabaa di yaw, na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.
5 Her foes have become her masters, her enemies are at ease, for our Father has afflicted her because of her many rebellions. Her children have gone away, led captive before the enemy. Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhow aba ne so nʼamumɔyɛ bebrebe nti. Ne mma kɔ nnommum mu. Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo.
6 All her majesty has departed from the daughter of Zion. Her princes have become like deer that find no pasture; they flee without strength before their pursuers. Anuonyam nyinaa atu afi Ɔbabea Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforote a wonnya adidibea; na wɔde mmerɛwyɛ aguan wɔ wɔn ataafo anim.
7 In the days of her affliction and wandering, Jerusalem remembers all the precious things that were hers from days of old. When her people fell into the hands of the enemy, with no one to help her, the enemies looked on and mocked her downfall. Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no, Yerusalem kae ademude nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu. Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no na wɔserew ne sɛe.
8 Jerusalem has sinned grievously; therefore she has become an object of scorn. All who honored her despise her, for they have seen her nakedness; she herself groans and turns away. Yerusalem ayɛ bɔne kɛse enti ne ho agu fi. Wɔn a wodi no ni no sopa no, efisɛ wɔahu nʼadagyaw; ɔno ankasa gu ahome na ɔdan nʼani.
9 Her uncleanness clung to her skirts; she gave no thought to her future. Her fall is astounding, with no one to comfort her. "Look, my Father, on my affliction, for the enemy has triumphed!" Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehwe yɛ nwonwa; obiara ankyekye ne werɛ. “Awurade, hwɛ mʼamanehunu, efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”
10 The enemy has stretched out his hand over all her precious things; she has watched the nations enter her sanctuary—those you had forbidden to enter your assembly. Ɔtamfo no de ne nsa too nʼademude nyinaa so; ohuu sɛ amanaman rehyɛn ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛn wʼasafo mu no.
11 All her people groan as they search for bread; they trade their treasures for food just to stay alive. "Look, my Father, and see, for I have become despised. Ne nkurɔfo nyinaa si apini bere a wɔrehwehwɛ aduan; wɔde wɔn ademude sesa aduan de nya ahoɔden. “Awurade, hwɛ na dwene me ho, efisɛ wobu me animtiaa.”
12 Is it nothing to you, all you who pass by? Look and see if there is any sorrow like my sorrow, which was brought upon me, which our Father inflicted on the day of his fierce anger. “Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa? Monhwɛ na munhu. Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me de a wɔma ɛbaa me so yi, nea Awurade de baa me so wɔ nʼabufuwhyew da no ana?
13 From on high he sent fire into my bones, and it overcame them. He spread a net for my feet and turned me back; he has left me desolate, faint all the day long. “Ɔsomaa ogya fii ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Osum afiri maa mʼanan na ɔsan me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ beraw da mu nyinaa.
14 My rebellions were bound into a yoke; knit together by his hand, they were laid upon my neck, and he sapped my strength. The Sovereign Father handed me over to those I cannot withstand. “Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu; ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu. Wɔde asɛn me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
15 The Sovereign Father has rejected all the mighty men in my midst; he summoned an assembly against me to crush my young men. The Sovereign Father has trampled the virgin daughter of Judah as in a winepress. “Awurade apo akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ asraafo atia me sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante. Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so wɔ ne nsakyiamoa mu.
16 For these things I weep; my eyes, my eyes flow with tears, for a comforter who could revive my spirit is far from me. My children are desolate, for the enemy has prevailed." “Eyinom nti na misu na nusu aguare me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ, nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.”
17 Zion stretches out her hands, but there is no one to comfort her. Our Father has decreed that Jacob's neighbors would become his enemies; Jerusalem has become a filthy thing among them. Sion trɛw ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ. Awurade ahyɛ ama Yakob se ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo; Yerusalem abɛyɛ afide wɔ wɔn mu.
18 Our Father is righteous, for I have rebelled against his word. Hear, all you peoples, and look on my suffering; my young women and my young men have gone into captivity. “Awurade yɛ ɔtreneeni, nanso manni nʼahyɛde so. Muntie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yaw. Me mmerante ne mmabaa kɔ nnommum mu.
19 I called to my lovers, but they deceived me. My priests and my elders perished in the city while they searched for food just to stay alive. “Mefrɛɛ mʼadɔfo nanso woyii me mae. Mʼasɔfo ne me mpanyimfo ase tɔree wɔ kuropɔn no mu, bere a wɔrehwehwɛ aduan adi na wɔanwuwu.
20 Look, my Father, for I am in distress; my stomach churns, my heart is overturned within me, for I have been very rebellious. In the street the sword cuts people down; in the house it is like death. “Awurade, hwɛ me mmɔbɔ! Meredi yaw wɔ me mu, na me koma mu nso minni ahotɔ, efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse. Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so; ofie nso yɛ owu nko ara.
21 They have heard how I groan, with no one to comfort me. All my enemies have heard of my trouble; they are glad that you have done it. Bring on the day you have declared, that they may become like me. “Nnipa ate mʼapinisi, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye nea woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.
22 Let all their evil come before you, and deal with them as you have dealt with me for all my rebellions; for my groans are many, and my heart is faint. “Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛnea wo ne me adi; esiane mʼamumɔyɛ no nti. Mʼapinisi dɔɔso na me koma abotow.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]