1Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkumakata Ɔbabea Sion so ni?Watow Israel anuonyamafi ɔsoro abɛhwe fam;wankae ne nan ntiasowɔ nʼabufuw da no.
2Awurade annya ahummɔbɔna wamene Yakob atenae nyinaa;nʼabufuwhyew mu, wadwiriwYuda Babea abandennen no agu fam.Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmmaho fi.
3Ɔde abufuwhyew atwitwaIsrael mmɛn nyinaa.Wayi ne bammɔwɔ bere a atamfo no reba.Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaaa ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
4Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;ne nsa nifa ayɛ krado.Te sɛ ɔtamfo no, wakunkumwɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogyaagu Ɔbabea Sion ntamadan so.
5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;wamene Israel.Wamene nʼahemfi nyinaaasɛe nʼabandennen.Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔsoama Yuda Babea.
6Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;wasɛe nʼaguabɔbea.Awurade ama Sion werɛ afinʼafahyɛ ne homenna;nʼabufuwhyew mu nowabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
7Awurade apo nʼafɔremukana wagyaa ne kronkronbea mu.Ɔde nʼahemfi afasuahyɛ nʼatamfo nsa.Wɔteɛ mu wɔ Awurade fite sɛ afahyɛ da.
8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛeƆbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.Ɔde susuhama too hona wannyae ɔsɛe no.Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;wɔn nyinaa sɛee.
9Nʼapon amem fam;wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,mmara nni hɔ bio,na nʼadiyifo nnya anisoadehu aefi Awurade hɔ bio.
10Ɔbabea Sion mpanyimfotete fam ayɛ komm;wɔde mfutuma agu wɔn tirimafurafura atweaatam.Yerusalem mmabaaasisi wɔn ti ase.
11Mʼani rentumi nnyae nisutew,me yafunu mu retwa me,me koma retew atɔ fam,efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ pitiwɔ kuropɔn no mmɔnten so.
12Wobisa wɔn nanom se,“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafowɔ kuropɔn no mmɔnten so,bere a wɔn nkwa resawɔ wɔn nanom abasa so.
13Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?Dɛn ho na metumi de wo atoto,Ɔbabea Yerusalem?Dɛn na metumi de asusuw wo,de akyekye wo werɛ,Sion Babea Ɔbabun?Wʼapirakuru so sɛ po.Hena na obetumi asa wo yare?
14Wʼadiyifo anisoadehuyɛ atoro a so nni mfaso;wɔanna mo amumɔyɛ adiansiw mo nnommumfa ano.Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo noyɛ atoro ne nnaadaa.
15Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaabobɔ wɔn nsam gu wo so;wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn tigu Yerusalem Babea so ka se,“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ noahoɔfɛ a edi mu no?Asase nyinaa anigyede no ni?”
16Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anomtɛtrɛɛ tia wo;wɔserew na wɔtwɛre wɔn sena wɔka se, “Yɛamene no.Da a na yɛretwɛn no ni;Yɛatena ase ahu.”
17Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;wama nʼasɛm aɔhyɛɛ dedaada no aba mu.Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,wama ɔtamfo no ani agyewama wʼatamfo no mmɛn so.
18Nnipa no komasu frɛ Awurade.Ɔbabea Sion afasu,momma mo nusu nsen sɛ asubɔntenawia ne anadwo;munnye mo ahomemomma mo ani nso nnya ɔhome.
19Sɔre, su dennen anadwo,ɔdasu mu mfiase;hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsugu Awurade anim.Ma wo nsa so kyerɛ nowo mma nkwa nti,wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ berawwɔ mmɔnten so.
20“Hwɛ na dwene ho, Awurade:Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,mma a wɔahwɛ wɔn?Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifowɔ Awurade kronkronbea ana?
21“Mmofra ne mpanyin da adabumwɔ mmɔnten so mfutuma mu so,me mmerante ne mmabaaatotɔ wɔ afoa ano.Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
22“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,saa ara na wofrɛfrɛɛamanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.Awurade abufuw da no,obiara anguan na anka obiara:wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,me tamfo adwerɛw wɔn.”