Side by side with the Father's Heart Bible™ 1“Nnipa a ɔbea awo wɔnnna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.
2Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam;ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.
3Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?
4Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?Obiara nni hɔ.
5Woahyehyɛ onipa nkwa nna;woahyɛ nʼasram dodow ato hɔna woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.
6Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.
7“Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no:Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,na ne mman foforo no rempenpan.
8Ne ntin betumi anyin akyɛ asase muna ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,
9nanso, onya nsu a ɛfefɛw,na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.
10Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.
11Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no,anaa sɛnea suka mu yowee no,
12saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔrena wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.
13“Sɛ anka wode me besie ɔda mude me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu!Sɛ anka wobɛhyɛ me berena afei woakae me!
14Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?Mʼaperedi nna mu nyinaamɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.
15Wobɛfrɛ na megye wo so;wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.
16Afei wobɛkan mʼanammɔntuna worenni me bɔne akyi.
17Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu,na woakata mʼamumɔyɛ so.
18“Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpomponona ɔbotan nso twe fi ne sibea no,
19sɛnea nsu yiyi abo hona osuhweam twe dɔte kɔ nosaa ara na wosɛe onipa anidaso.
20Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ;wosakra ne nipasu na wugya no kwan.
21Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.
22Ɔno ara were mu yaw na ɔteena ɔno ara ne ho na ogyam.”