Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 13 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1“Mʼani ahu eyinom nyinaa,mʼaso ate, na ate ase.

2Nea wunim no, me nso minim;wonyɛ abomfiaa mma me.

3Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo nona mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn.

4Mode atoro mmom na asra me ho;mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee!

5Sɛ mobɛyɛ komm koraa aɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

6Afei muntie mʼano asɛm;muntie mʼanoyi.

7Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana?Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana?

8Mobɛkyea mo aso ama no?Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana?

9Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana?Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana?

10Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a,sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim

11Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana?Ne ho suro ntɔ mo so ana?

12Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ;mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi.

13“Monyɛ komm mma menkasa;na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so.

14Adɛn nti na mede me ho to amane muna mede me nkwa to me nsam?

15Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda;ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim.

16Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye,efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

17Muntie me nsɛm yi yiye;monyɛ aso mma nea meka.

18Afei a masiesie me nkurobɔ yi,minim sɛ medi bem.

19Obi betumi abɔ me kwaadu ana?Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu.

20“Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me,na afei meremfa me ho nhintaw wo:

21Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.

22Ɛno de, samena me na mɛba,anaa ma menkasa na bua me.

23Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ?Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne.

24Adɛn nti na wode wʼanim asie mena wudwen sɛ meyɛ wo tamfo?

25Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana?Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana?

26Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me,na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so.

27Wode nkyehama gu mʼanan;wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiyena wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu.

28“Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw,te sɛ atade a nwewee adi.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]