Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 12 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Hiob Bua Sofar

1Na Hiob buae se,

2“Akyinnye nni ho, mo ne nnipa nona muwu a na nyansa asa!

3Nanso mewɔ adwene sɛ mo aramonnsen me.Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?

4“Mayɛ aserewde ama me nnamfonom,mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae,aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.

5Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaasɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.

6Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan,na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔna Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban.

7“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ woanaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo

8anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛAwurade nsa na ayɛ eyi.

10Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔne adesamma nyinaa home.

11So aso nsɔ nsɛm nhwɛsɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?

12Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn,na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?

13“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de;afotu ne ntease yɛ ne dea.

14Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi;nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.

15Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee;sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

16Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne deosisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de.

17Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔna ɔma atemmufo yɛ nkwasea.

18Ɔworɔw ahemfo nkyehamana ɔde abɔso bɔ wɔn asen.

19Ɔpa asɔfo ho ntama,na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.

20Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ,na ogye mpanyimfo nhumu.

21Ɔde animguase gu atitiriw sona otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.

22Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adina ɔde sum kabii ba hann mu.

23Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn;ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

24Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam;na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.

25Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea;na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]