Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 64 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Oh, that you would tear open the heavens and come down, that the mountains would quake at your presence, Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a, ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
2 as fire sets brushwood ablaze and causes water to boil—to make your name known to your adversaries, so that the nations would tremble at your presence! Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw na ɛma nsu huru no, sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din, na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
3 When you did awesome things that we did not expect, you came down, and the mountains quaked at your presence. Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no, wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.
4 Since ancient times, no one has heard or perceived by ear, no eye has seen any besides you, who acts for the one who waits for him. Efi teteete obiara ntee, entwaa obiara aso mu, ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo, nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.
5 You welcome those who gladly do what is right, who remember you as they walk in your ways. But you were angry, and we sinned; we have long been in our sins—can we be saved? Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no, wo bo fuwii. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
6 We have all become like one who is unclean, and all our righteous deeds are like a filthy garment. We all wither like a leaf, and our sins, like the wind, sweep us away. Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew, na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi; yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
7 There is no one who calls on your name, who rouses himself to take hold of you; for you have hidden your face from us and have handed us over to our sins. Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ obeso wo mu; efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.
8 But now, you are our Father; we are the clay, and you are our potter; we are all the work of your hand. Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
9 Do not be so terribly angry, our Father, and do not remember our sin forever. Look, please—we are all your people. Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.
10 Your holy cities have become a wilderness; Zion has become a wilderness, Jerusalem a desolation. Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam; Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.
11 Our holy and beautiful house, where our fathers praised you, has been burned with fire, and all that we treasured has become a ruin. Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahyew, na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
12 After all this, will you hold back, our Father? Will you keep silent and afflict us so terribly? Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]