Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 65 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 I let myself be sought by those who did not ask for me; I let myself be found by those who did not seek me. I said, "Here I am, here I am," to a nation that did not call on my name. “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me. Ɔman a wonsu mfrɛ me no, meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
2 All day long I have spread out my hands to a rebellious people, who walk in a way that is not good, following their own schemes, Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.
3 a people who provoke me to my face continually, sacrificing in gardens and burning incense on bricks; Nnipa a daa no woyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ, wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu na wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;
4 who sit among the tombs and spend the night in secret places; who eat the flesh of pigs, with broth of forbidden things in their pots; wɔn a wɔtenatena nna so na anadwo wosii pɛ kokoa mu; wɔwe mprakonam na wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;
5 who say, "Keep to yourself, do not come near me, for I am holier than you." These are smoke in my nostrils, a fire that burns all day long. wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me, efisɛ me ho tew dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.
6 Look, it stands written before me: I will not keep silent, but I will repay; I will repay into their lap, “Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se, merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ; metua so ka agu wɔn asrɛ so,
7 both your own sins and the sins of your ancestors together, says our Father; because they burned incense on the mountains and insulted me on the hills, I will measure into their lap full payment for their former deeds. mo ne mo agyanom bɔne nti,” sɛɛ na Awurade se. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so na wotwirii me wɔ nkoko so nti mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
8 This is what our Father says: As the new wine is found in the cluster, and someone says, "Do not destroy it, for there is a blessing in it," so I will do for the sake of my servants, and not destroy them all. Sɛɛ na Awurade se: “Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu, na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no, efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
9 "I will bring forth descendants from Jacob, and from Judah an heir of my mountains; my chosen will inherit it, and my servants will dwell there. Mede Yakob asefo bɛba, na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade, na hɔ na mʼasomfo bɛtena.
10 Sharon will become a pasture for flocks, and the Valley of Achor a resting place for herds, for my people who have sought me. Saron bɛyɛ nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.
11 But you who forsake me, who forget my holy mountain, who set a table for Fortune and fill cups of mixed wine for Destiny. “Na mo a mo de mugyaw Awurade na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no, mo a moto pon ma Ahonya na mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,
12 I will destine you for the sword, and all of you will bow down to the slaughter, because I called and you did not answer, I spoke and you did not listen; you did what was evil in my eyes and chose what gave me no delight." mede mo bɛto afoa ano, na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo; efisɛ mefrɛe nanso moannye so, mekasae nanso moantie. Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ nea mempɛ.”
13 Therefore this is what the Sovereign Father says: Look, my servants will eat, but you will go hungry; my servants will drink, but you will go thirsty; my servants will rejoice, but you will be put to shame; Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Mʼasomfo bedidi, nanso ɔkɔm bɛde mo, mʼasomfo bɛnom, nanso osukɔm bɛde mo; mʼasomfo ani begye, nanso mo anim begu ase.
14 "look, my servants will sing for gladness of heart, but you will cry out for pain of heart and wail for a broken spirit. Mʼasomfo bɛto nnwom afi koma mu anigye mu na mobɛteɛ mu asu afi mo koma ahoyeraw mu, na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.
15 You will leave your name to my chosen as a curse, and the Sovereign Father will put you to death; but his servants he will call by another name, Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu ama wɔn a mapaw wɔn; Otumfo Awurade bekum wo na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.
16 so that whoever invokes a blessing in the land will bless himself by the Father of truth, and whoever takes an oath in the land will swear by the Father of truth; for the former troubles are forgotten and hidden from my eyes. Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no, bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu. Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi na wɔde behintaw me.
17 "For look, I am creating new heavens and a new earth, and the former things will not be remembered or come to mind. “Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforo ne asase foforo. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
18 But be glad and rejoice forever in what I am creating; for look, I am creating Jerusalem to be a joy, and her people to be a gladness. Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ wɔ nea merebɛbɔ ho, efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye, na mu nnipa ayɛ anigye farebae.
19 I will rejoice over Jerusalem and be glad in my people; no longer will the sound of weeping be heard in her, or the cry of distress. Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho. Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei wɔ mu bio.
20 No more will there be in it an infant who lives only a few days, or an old man who does not live out his years; for the young man will die one hundred years old, and the one who falls short of one hundred will be thought accursed. “Ɛrensi bio wɔ mu abofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi, anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie; nea odi mfe ɔha na owu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ; na nea wannya mfe ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
21 They will build houses and live in them; they will plant vineyards and eat their fruit. Wobesisi afi na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
22 They will not build for another to live in, or plant for another to eat; for my people's days will be like the days of a tree, and my chosen will long enjoy the work of their hands. Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforo mmedi. Na nna a dua di no, saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.
23 They will not labor in vain or bear children for sudden terror, for they are the offspring of those our Father has blessed, and their descendants with them. Wɔremmrɛ ngu na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye; efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefo.
24 Before they call, I will answer; while they are still speaking, I will hear." Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me. Bere a wogu so rekasa no metie.
25 The wolf and the lamb will graze together, and the lion will eat straw like the ox, but dust will be the serpent's food. They will not harm or destroy anywhere on my holy mountain, says our Father. Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu gyata bɛwe sare sɛ nantwi, nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]