Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 63 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Who is this coming from Edom, in crimson-stained garments from Bozrah, this one majestic in his apparel, striding in his great strength? "It is I, proclaiming righteousness, mighty to save." Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi? Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu, nea otumi gye nkwa no.”
2 Why is your apparel red, and your garments like one who treads in the winepress? Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi?
3 "I have trodden the winepress alone, and from the peoples no one was with me; I crushed them in my anger and trampled them in my wrath; their lifeblood splattered on my garments, and I stained all my apparel. “Me nko ara atiatia nsakyiamoa so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu; wɔn mogya bɔ petee me ntade mu, maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.
4 For the day of reckoning was in my heart, and the year of my redeemed had come. Na aweretɔda wɔ me koma mu na me gye afe aba.
5 I looked, but there was no one to help; I was appalled that no one upheld me; so my own arm brought me salvation, and my wrath upheld me. Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me, na mʼabufuw wowaw me.
6 I trampled the peoples in my anger; I made them drunk in my wrath, and I poured out their lifeblood on the ground." Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu; mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew mu na mihwiee wɔn mogya guu fam.”
7 I will tell of the covenant love of our Father, the praises of him, according to all that he has done for us, and the great goodness he has shown to the house of Israel, according to his compassion, according to his abundant covenant love. Mɛka Awurade ayamye ho asɛm, ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi, wɔ nea Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho Yiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israelfifo. Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti.
8 For he said, "Surely they are my people, children who will not be false." And he became their Savior. Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo, mmabarima a wɔrenni me huammɔ;” ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
9 In all their affliction he was afflicted, and the messenger of his presence saved them; in his love and in his compassion he redeemed them; he lifted them up and carried them all the days of old. Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane, na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn; ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔn mfe a atwa mu no nyinaa mu.
10 But they rebelled and grieved his Holy Spirit; so he turned and became their enemy, and he himself fought against them. Nanso wɔtew atua de how ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
11 Then he recalled the days of old, of Moses and of his people. Where is the one who led them up from the sea, with his flock's shepherds? Where is the one who placed his Holy Spirit among them, Afei ne nkurɔfo kae tete nna no, Mose ne ne nkurɔfo nna no. Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ? Ɔne ne nguan no hwɛfo no? Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ,
12 who stretched out his glorious arm at the right hand of Moses, who divided the waters before them to make for himself an everlasting name, nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no, nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim, de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,
13 who led them through the depths? Like a horse in the wilderness, they did not stumble. nea odii wɔn anim faa bun mu sɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so, wɔanhintiw;
14 Like livestock that go down into the valley, the Spirit of our Father gave them rest. So you led your people, to make for yourself a glorious name. te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, Awurade Honhom ma wɔhomee. Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.
15 Look down from heaven and see, from your holy and glorious dwelling. Where are your zeal and your mighty deeds? The stirring of your heart and your compassion are held back from me. Brɛ wʼani ase hwɛ fam fi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so.
16 For you are our Father, though Abraham does not know us and Israel does not acknowledge us; you are our Father; our Redeemer from ages past is your name. Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu de; nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya; efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.
17 Why, our Father, do you let us wander from your ways and harden our heart, so that we do not fear you? Return for the sake of your servants, the tribes of your heritage. Adɛn, Awurade, na woma yɛkwati wʼakwan na wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni? San bra, esiane wʼasomfo, mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti.
18 For a little while your holy people held possession; our enemies have trampled your sanctuary. Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbea nanso mprempren yɛn atamfo atiatia so.
19 We have become like those you have never ruled, like those not called by your name. Enti yɛyɛ wo de fi tete, nanso wɔn de, wunnii wɔn so hene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]