Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 31 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

1Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodowne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.

2Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;ɔnsesa nʼano.Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.

3Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.Sɛ Awurade teɛ ne nsa a,ɔboafo bɛwatirina nea wɔboa no no bɛhwe ase;wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

4Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:“Sɛnea gyata woro so,sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so noa mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a,wɔn nteɛteɛmu mmɔ no huna wɔn huuyɛ nso nhaw no no,saa ara na Asafo Awurade besianabɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.

5Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim nosaa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,obegyaa no na wagye no asi hɔ.”

6Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo. 7Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.

8“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano;afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.Wobeguan afi afoa no anona wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,”sɛɛ na Awurade se,nea ne gya wɔ Sion,na ne fononoo si Yerusalem no.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]