Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 32 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Trenee Ahenni

1Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee muna ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

2Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabeane ahum mu guankɔbea,ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam sone ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.

3Wɔn a wohu no ani renkata bio,na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

4Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.

5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo biona wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

6Ɔkwasea ka nkwaseasɛmna osusuw bɔne ho:ɔyɛ anyame apɛdeɔka Awurade ho nsɛm a enye;ɔmma nea ɔkɔm de no no aduanɔde nsu kame nea osukɔm de no.

7Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ,ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛede atoro sɛe ohiani,wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.

8Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyamna nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Yerusalem Mmabaa

9Mo mmea a mugye mo ho di,monsɔre na muntie me;mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔmonyɛ aso mma nea mewɔ ka!

10Afe akyi nna kakra bi nomo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo;bobe twabere no bedi mo huammɔ,nnuaba no twabere nso remma.

11Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho dimommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ!Mompa mo ho ntamana momfa atweaatam mmɔ mo asen.

12Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛne bobe a ɛso no nti,

13ne me nkurɔfo asase,asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mune saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.

14Wobegyaw aban no hɔ,na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,

15kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,na nweatam bɛdan asaseberena asasebere ayɛ sɛ kwae.

16Trenee bɛtena nweatam sona adetreneeyɛ atena asasebere so.

17Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.

18Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔafi a wɔabɔ ho banhomebea a ɔhaw biara nni hɔ.

19Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae nona kuropɔn no sɛe koraa a,

20wobehyira wo,wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]