Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 32 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Look, a king will reign in righteousness, and rulers will govern with justice. Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.
2 Each will be like a shelter from the wind, a refuge from the storm, like streams of water in a dry place, like the shadow of a great rock in a weary land. Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea ne ahum mu guankɔbea, ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.
3 Then the eyes of those who see will not be closed, and the ears of those who hear will listen. Wɔn a wohu no ani renkata bio, na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.
4 The hasty mind will understand knowledge, and the stammering tongue will speak readily and clearly. Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase, wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.
5 No longer will the fool be called noble, nor the scoundrel said to be honorable. Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.
6 For the fool speaks foolishness, and his heart plots evil: to practice ungodliness, to speak lies about our Father, to leave the hungry with nothing and to deprive the thirsty of drink. Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na osusuw bɔne ho: ɔyɛ anyame apɛde ɔka Awurade ho nsɛm a enye; ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan ɔde nsu kame nea osukɔm de no.
7 The scoundrel's weapons are evil; he devises wicked schemes to destroy the poor with lying words, even when the needy pleads his case justly. Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe de atoro sɛe ohiani, wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.
8 But the noble person plans noble things, and by noble things he stands. Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.
9 You complacent women, rise up and hear my voice; you carefree daughters, listen to what I say. Mo mmea a mugye mo ho di, monsɔre na muntie me; mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ monyɛ aso mma nea mewɔ ka!
10 "In little more than a year you will tremble, you carefree women, for the grape harvest will fail, and there will be no gathering. Afe akyi nna kakra bi no mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; bobe twabere no bedi mo huammɔ, nnuaba no twabere nso remma.
11 Tremble, you complacent ones; shudder, you carefree ones! Strip yourselves bare and put mourning clothes around your waists. Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! Mompa mo ho ntama na momfa atweaatam mmɔ mo asen.
12 Beat your breasts for the pleasant fields, for the fruitful vine, Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ ne bobe a ɛso no nti,
13 for the land of my people, where thorns and briers grow up; indeed, for all the houses of joy in the jubilant city. ne me nkurɔfo asase, asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa. Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.
14 For the palace will be abandoned, the bustling city deserted; the hill and the watchtower will become bare places forever, a delight for wild donkeys, a pasture for flocks, Wobegyaw aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ, nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,
15 until the Spirit of our Father is poured out on us from on high, and the wilderness becomes a fruitful field, and the fruitful field is regarded as a forest. kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, na nweatam bɛdan asasebere na asasebere ayɛ sɛ kwae.
16 Then justice will dwell in the wilderness, and righteousness will remain in the fruitful field. Trenee bɛtena nweatam so na adetreneeyɛ atena asasebere so.
17 The work of righteousness will be peace, and the result of righteousness, quietness and security forever. Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba; nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.
18 My people will dwell in a peaceful home, in secure dwellings, in undisturbed resting places. Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ afi a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
19 Though hail flattens the forest and the city is completely leveled, Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no na kuropɔn no sɛe koraa a,
20 blessed are you who sow beside all the waters, who let the ox and the donkey range freely." wobehyira wo, wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]