Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 33 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Woe to you, destroyer, who have not been destroyed; you betrayer, whom no one has betrayed! When you have finished destroying, you will be destroyed; when you stop betraying, you will be betrayed. Due, ɔdesɛefo, wo a wɔnsɛee wo! Due, ɔfatwafo, wo a wonnii wo huammɔ! sɛ wugyae adesɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wuwie huammɔdi a, wobedi wo huammɔ.
2 Our Father, be gracious to us; we wait for you. Be our strength every morning, our salvation in the time of trouble. Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.
3 At the thunder of your voice the peoples flee; when you rise up, the nations scatter. Aman no te wo nne mmubomu a, woguan; sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete.
4 Your plunder is gathered as the locust gathers; like swarming locusts, people rush upon it. Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ; nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm.
5 Our Father is exalted, for he dwells on high; he has filled Zion with justice and righteousness. Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
6 He will be the sure foundation of your times, a wealth of salvation, wisdom, and knowledge; the fear of our Father is Zion's treasure. Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so, nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae; Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.
7 Look, their brave men cry out in the streets; the envoys of peace weep bitterly. Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so; asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.
8 The highways lie deserted; travelers have vanished from the road. The covenant is broken, its cities are despised, no one is respected. Atempɔn no so da hɔ kwa, akwantufo biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so, wobu nʼadansefo animtiaa wommu obiara.
9 The land mourns and wastes away; Lebanon is ashamed and withers; Sharon has become like the desert, and Bashan and Carmel shake off their leaves. Asase no wo kesee na ɛsɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.
10 "Now I will arise,' says our Father, 'now I will be exalted, now I will lift myself up. “Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se. “Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ; afei na wɔbɛma me so.
11 You conceive chaff, you give birth to stubble; your breath is a fire that will consume you. Munyinsɛn ntɛtɛ, na mowo sare; mo home yɛ ogya a ɛhyew mo.
12 The peoples will be burned to ash, like thorns cut down and set ablaze. Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso; wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.”
13 Hear, you who are far off, what I have done; and you who are near, acknowledge my might.'" Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
14 The sinners in Zion are terrified; trembling grips the godless: "Who among us can live with the consuming fire? Who among us can live with everlasting flames?" Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame: “Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena? Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”
15 The one who walks righteously and speaks what is right, who rejects gain from extortion and keeps his hand from taking a bribe, who stops his ears to plots of bloodshed and shuts his eyes to evil, Nea ɔnantew trenee mu na odi nokware nea ɔpo mfaso a asisi de ba na onnye adanmude, nea ontie awudi ho pɔwbɔ nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,
16 this is the one who will dwell on the heights, whose refuge will be the mountain fortresses; his bread will be given to him, and his water will not fail. saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. Wɔde nʼaduan bɛma no na ne nsu remmɔ no.
17 Your eyes will see the king in his beauty; they will see a land that stretches far away. Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no.
18 Your heart will ponder the former terror: "Where is the one who counted? Where is the one who weighed the tribute? Where is the one who counted the towers?" Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho: “Odwumayɛni panyin no wɔ he? Nea na ogyigye tow no wɔ he? Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”
19 You will no longer see those insolent people, a people whose speech is too strange to follow, stammering in a tongue you cannot understand. Morenhu saa ahantanfo no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte nea wɔka no ase no.
20 Look at Zion, the city of our appointed feasts! Your eyes will see Jerusalem, a peaceful home, a tent that will not be moved, whose stakes will never be pulled up and whose cords will never break. Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani behu Yerusalem, asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu; wɔrentutu ne nnyinaso da, na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.
21 But there our Father in his majesty will be for us a place of broad rivers and streams, where no galley with oars can go and no mighty ship can pass. Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo. Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ. Akorow a wɔhare remfa so ahyɛn akɛse rennantew so.
22 For our Father is our judge, our Father is our lawgiver, our Father is our king; he will save us. Na Awurade ne yɛn temmufo, Awurade ne yɛn mmarahyɛfo, Awurade ne yɛn hene; na ɔno na obegye yɛn nkwa.
23 Your rigging hangs loose: it cannot hold the mast in place or keep the sail spread. Then an abundance of plunder will be divided, and even the lame will carry off the spoil. Wo ntampehama mu agow enti hyɛn dua no nni nnyinaso, na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu. Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.
24 And no one living in Zion will say, "I am sick"; the people who dwell there will have their sin forgiven. Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;” na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]