Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Say to your brothers, "My People," and to your sisters, "Shown Mercy." “Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”
2 Plead with your mother, plead—for she is not my wife, and I am not her husband—that she put away her whoring from her face and her unfaithfulness from between her breasts, “Ka wo na anim, ka nʼanim, na ɔnyɛ me yere na menyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.
3 or I will strip her bare and leave her as naked as the day she was born; I will make her like a wilderness, turn her into a parched land, and let her die of thirst. Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no; mɛma wayɛ sɛ nweatam, mɛdan no asase a awo wosee na mama osukɔm akum no.
4 I will show her children no compassion, for they are the children of whoring. Merennɔ ne mma, efisɛ wɔyɛ aguaman mma.
5 Their mother has prostituted herself; she who carried them acted in shame. She said, "I will chase after my lovers, who give me my bread and my water, my wool and my flax, my oil and my drink." Wɔn na anyɛ ɔnokwafo na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu. Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi, wɔn a wɔma me aduan ne nsu, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’
6 Therefore I am about to block her path with thorns; I will wall her in so she cannot find her paths. Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan; mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.
7 She will chase her lovers but not catch them; she will look for them but not find them. Then she will say, "I will go back to my first husband, for it was better for me then than now." Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Afei, ɔbɛka se, ‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no, efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’
8 She has not realized that it was I who gave her the grain, the new wine, and the oil, I who lavished silver and gold on her—which they spent on Baal. Ɔnkae sɛ me na memaa no aduan, nsa foforo ne ngo, nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.
9 Therefore I will take back my grain when it ripens and my new wine in its season; I will reclaim my wool and my flax, given to cover her nakedness. “Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade, ne me nsa foforo no nso saa ara. Megye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.
10 Now I will expose her shame before the eyes of her lovers, and no one will rescue her from my hand. Enti afei mɛbɔ no adagyaw wɔ nʼadɔfo anim; obiara rentumi nnye no mfi me nsam.
11 I will put an end to all her rejoicing—her festivals, her New Moons, her Sabbaths, all her appointed festivals. Metwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.
12 I will lay waste her vines and fig trees, of which she said, "These are my wages that my lovers gave me." I will turn them into a thicket, and the wild animals will devour them. Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wuram mmoa awe.
13 I will hold her accountable for the days she burned offerings to the Baals, when she decked herself with rings and jewelry and chased after her lovers—but me she forgot, declares our Father. Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyew aduhuam maa Baal no ho; ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfo akyi, me de, ne werɛ fii me,” nea Awurade se ni.
14 "Therefore, look, I am going to win her back: I will lead her into the wilderness and speak tenderly to her heart. “Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ nweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
15 There I will give her back her vineyards and make the Valley of Achor a doorway of hope. There she will respond as in the days of her youth, as on the day she came up out of Egypt." Mɛsan de ne bobe mfuw ama no. Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon, anidaso pon. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no ne bere a ofii Misraim no.
16 On that day, declares our Father, you will call me "my husband," and no longer will you call me "my Baal." “Saa da no,” sɛɛ na Awurade se, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
17 I will remove the names of the Baals from her mouth; never again will they be invoked by name. Meyi Baal ahorow din no afi nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
18 On that day I will make a covenant for them with the wild animals, the birds of the sky, and the creatures that move along the ground; I will banish bow and sword and war from the land, so that all may lie down in safety. Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpeaw ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so, sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.
19 I will betroth you to me forever; I will betroth you to me in righteousness and justice, in covenant love and compassion. Mɛware wo afebɔɔ; mɛda trenee ne atɛntrenee, ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.
20 I will betroth you to me in faithfulness, and you will know your Father. Mɛware wo nokware mu, ama woahu Awurade.
21 On that day I will respond, declares our Father—I will respond to the heavens, and they will respond to the earth; “Saa da no, megye wo so,” nea Awurade se ni. “Megye ɔsoro so, na ɔsoro de osu begye asase so,
22 and the earth will respond to the grain, the new wine, and the oil, and they will respond to Jezreel. na asase nso begye nnɔbae so: bobe foforo ne ngodua, na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’
23 I will plant her for myself in the land. I will show mercy to "No Mercy," and I will say to "Not My People," "You are my children"; and they will say, "You are my Father." Mede Israel bedua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no. Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se ‘moyɛ me nkurɔfo,’ na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]