Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ezekiel 19 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom

1“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2na monka se:“ ‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononkowɔ gyata mu!Ɔdaa gyataforo muyɛn ne mma.

3Ɔyɛn ne mma no mu baakoma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo.Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu,na ɔwee nnipa nam.

4Amanaman no tee ne nka,na wɔn amoa yii no.Wɔkyekyeree no de no kɔɔMisraim asase so.

5“ ‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ,na nea ɔrehwɛ anim ayera no,ɔfaa ne ba foforoyɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.

6Okyinkyin gyata no muefisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo.Osuaa sɛnea wɔtetew hanam muna ɔwee nnipa nam.

7Obubuu wɔn abandennenna ɔsɛee wɔn nkurow.Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.

8Afei amanaman no sɔre tiaa no,wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so.Woguu no asau kyeree nowɔ wɔn amoa mu.

9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw muna wɔde no brɛɛ Babilonia hene.Wɔde no too afiase,na wɔante ne mmubomu no biowɔ Israel mmepɔw no so.

10“ ‘Na wo na te sɛ bobeduaa wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu.Na ɛsow aba, na eyiyii mmannsu a onya no bebree no nti.

11Ne mman yɛɛ den yiye;edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema.Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so,ne sorokɔ ne ne mman bebree nomaa no yɛɛ sononko.

12Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼasede no hwee fam.Apuei mframa maa no kasae,ɛsow aba tetew gui;na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameena ogya hyewee.

13Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare soasase kesee a nsu nni mu mu.

14Ogya trɛw fii ne mman baako sona ɛhyew nʼaba.Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so;nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]