Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Zechariah 13 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Bɔne Ho Ahodwira

1“Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

2“Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so. 3Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.

4“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ 6Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ”

Wɔbɔ Odwanhwɛfoɔ No, Na Nnwan No Hwete

7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,tia onipa a ɔbɛn me!”Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,na nnwan no bɛbɔ ahwete,na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.

8Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.

9Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ,na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,na mɛgye wɔn so.Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]