Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Zechariah 13 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Bɔne Ho Ahodwira

1“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

2“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. 3Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.

4“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ 6Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”

Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete

7“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo,tia onipa a ɔbɛn me!”Sɛnea Asafo Awurade se ni.“Bɔ oguanhwɛfo no,na nguan no bɛbɔ ahwete,na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.

8Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni,“Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu;na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.

9Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu;mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ,na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,na megye wɔn so.Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]