Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 25 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ayɛyie Nka Awurade

1Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn;mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie muayɛ anwanwadeɛ bebree,nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.

2Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie,kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe;ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio;na wɔrensi bio.

3Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo niatutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.

4Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,ahum ano ahintaeɛɔhyeɛ mu nwununa atutupɛfoɔ ahomete sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo

5ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so.Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase;sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no,saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.

6Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so.Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna,ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.

7Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛeowuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa hone owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;

8Ɔbɛmene owuo afebɔɔ.Asafo Awurade bɛpepaaniso nisuo nyinaa.Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora,afiri nsase nyinaa so.Awurade na waka.

9Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ,“Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie;yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn;Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ;momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”

10Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so;nanso ɔbɛtiatia Moab sote sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.

11Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so,sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ.Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ asea ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.

12Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu;ɔbɛbubu agu famama ayɛ mfuturo.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]