Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 25 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ayeyi Nka Awurade

1Awurade, wo ne me Nyankopɔn;mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,efisɛ wufi nokwaredi mu,ayɛ anwonwade bebree,nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.

2Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw,kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe;ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio;na wɔrensi bio.

3Enti aman a wɔyɛ den bedi wo niatutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.

4Woayɛ ahiafo guankɔbea,ohiani mmɔborɔni guankɔbea,ahum ano ahintaweeɔhyew mu nwinina atirimɔdenfo homete sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu

5ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so.Wobrɛ ananafo huuyɛ ase;sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no,saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.

6Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi soobesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna;nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.

7Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛentama a ɛkata nnipa nyinaa hone nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;

8Ɔbɛmene owu afebɔɔ.Asafo Awurade bɛpepaani so nusu nyinaa.Obeyi ne nkurɔfo ahohora,afi nsase nyinaa so.Awurade, na waka.

9Saa da no, wɔbɛka se,“Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni;yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn;Awurade no ni, yegyee no dii;momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”

10Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so;nanso obetiatia Moab sote sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.

11Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so,sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare.Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso asea ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.

12Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu,obebubu agu famama ayɛ mfutuma.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]