Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Zechariah 10 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Awurade Bɛhwɛ Yudafo

1Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu;ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum.Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa,ne nnɔbae nso ma obiara.

2Ahoni no ka nnaadaasɛm,nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro;wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase,wɔma awerɛkyekye kwa.Enti nnipa no nenam te sɛ nguana wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.

3“Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye,na mɛtwe ntuanofo no aso.Na Asafo Awurade bɛhwɛne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no,na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

4Tweatibo befi Yuda mu,na ntamadan pɛe befi ne mu,ɔsa mu tadua befi Yuda mu,na sodifo nyinaa nso saa ara.

5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarimaa wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu.Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti,wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.

6“Mɛhyɛ Yudafi denna magye Yosefi no nkwa.Mede wɔn besi wɔn dedaw muefisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.Wɔbɛyɛ te sɛ neamempoo wɔn mpo,na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,na megye wɔn so.

7Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima,wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa.Wɔn mma behu na wɔn ani begye;wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.

8Mɛto nsa afrɛ wɔnaboaboa wɔn ano.Ampa ara megye wɔn bio;wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.

9Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,na wɔbɛsan aba.

10Mede wɔn befi Misraim abamɛboa wɔn ano afi Asiria.Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,na wɔrensen hɔ.

11Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu,nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so.Nil mu nsu nyinaa bɛyow.Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no asena Misraim ahempema betwa mu akɔ.

12Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade muna ne din mu na wɔbɛnantew,”sɛnea Awurade se ni.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]