Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 8 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father said to me, "Take a large tablet and write on it plainly: 'Belonging to Maher-shalal-hash-baz.'" Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.
2 So I called reliable witnesses to attest for me—Uriah the priest and Zechariah son of Jeberechiah. Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.”
3 Then I went to the prophetess; she conceived and bore a son, and our Father said to me, "Name him Maher-shalal-hash-baz. Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.
4 Before the boy knows how to cry 'My father' or 'My mother,' Damascus's wealth and Samaria's plunder will be carried off before Assyria's king." Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
5 Our Father spoke to me yet again: Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,
6 "Because this people has refused the gently flowing waters of Shiloah and rejoices over Rezin and the son of Remaliah, “Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo Siloa nsu a ɛsen brɛoo na wodi ahurusi wɔ Resin ne Remalia babarima no ho nti,
7 therefore the Sovereign Father is about to bring up against them the mighty floodwaters of the River—the king of Assyria and all his glory. It will rise over all its channels and overflow all its banks, Awurade reyɛ de Asubɔnten no yiri kɛse no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu, na abu afa ne konkɔn so
8 and it will sweep on into Judah, flooding and passing through, reaching up to the neck; and its outstretched wings will fill the breadth of your land, Immanuel." na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho, ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu. Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so Immanuel.”
9 Be shattered, you peoples, and be broken! Listen, all you distant lands! Strap on your armor and be broken; strap on your armor and be broken! Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo! Muntie mo akyirikyiri aman. Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo! Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
10 Devise your plan, but it will come to nothing; speak your word, but it will not stand—for our Father is with us. Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
11 For this is what our Father told me, his strong hand on me, warning me not to walk this people's way: Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,
12 "Do not call conspiracy everything this people calls conspiracy; do not fear what they fear, and do not be terrified. “Mommfrɛ no tirisopam biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no; Munnsuro nea wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.
13 The Father of heaven's armies—he is the one you should regard as holy. Let him be your fear; let him be your dread. Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
14 He will become a sanctuary; but to both houses of Israel he will be a stone that makes them stumble and a rock that makes them fall, and to the inhabitants of Jerusalem a trap and a snare. ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel ne Yuda de, ɔbɛyɛ hintibo ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de, ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.
15 Many among them will stumble; they will fall and be broken, they will be snared and captured." Wɔn mu bebree bɛwatiri; wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio, wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”
16 Preserve the testimony; seal the teaching among my disciples. Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.
17 I will wait for our Father, who is hiding his face from the house of Jacob; I will hope in him. Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afi Yakobfi so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
18 Here am I, and the children our Father gave me—signs and wonders in Israel from the Father of heaven's armies, who lives on Mount Zion. Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.
19 When they tell you, "Ask the mediums and those who consult spirits, who whisper and mutter," should a people not ask their Father? Should they consult the dead for the living? Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo?
20 To the teaching and the testimony! If they don't speak according to this word, they have no light of dawn. Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.
21 Distressed and hungry, they will roam the land; when famished, they will rage and curse their king and their Father, and look up. Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn.
22 They will look to the earth and see only distress and darkness, the gloom of anguish; and they will be driven into thick darkness. Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]