Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 In the days of Ahaz son of Jotham, son of Uzziah, king of Judah, Rezin king of Aram and Pekah son of Remaliah king of Israel marched on Jerusalem to fight it, but could not overpower it. Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.
2 When the house of David heard, "Aram has joined forces with Ephraim," the hearts of Ahaz and his people shook like forest trees before the wind. Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.
3 Then our Father told Isaiah, "Go meet Ahaz, you and your son Shear-jashub, at the end of the upper pool's channel, on the road to the Launderer's Field, Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.
4 and tell him: Take care, stay calm, don't be afraid or lose heart over these two smoking stubs of firewood—over the fierce anger of Rezin, Aram, and Remaliah's son. Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti.
5 Because Aram, along with Ephraim and the son of Remaliah, has plotted evil against you, saying, Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se,
6 'Let us march up against Judah, terrify it, split it open for ourselves, and set the son of Tabeel as king over it,' “Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.”
7 this is what the Sovereign Father says: It will not stand, and it will not happen. Nanso nea Asafo Awurade se ni: “ ‘Ɛremma so, na ɛrensi da,
8 For the head of Aram is Damascus, and the head of Damascus is Rezin. Within sixty-five years Ephraim will be shattered—no longer a people. Aram ti ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirihyia aduosia anum mu no Efraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
9 The head of Ephraim is Samaria, and the head of Samaria is the son of Remaliah. If you do not stand firm in faith, you will not stand at all." Efraim ti ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a, worennyina koraa.’ ”
10 Our Father spoke to Ahaz again, saying, Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio se,
11 "Ask your Father for a sign; make it deep as the grave or high as the heavens." “Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.”
12 But Ahaz said, "I will not ask, and I will not put our Father to the test." Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ Awurade nhwɛ.”
13 Isaiah said, "Listen, house of David! Isn't it enough that you weary people? Must you weary my Father too? Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana?
14 So the Sovereign Father himself will give you a sign: Look, the virgin will conceive, bear a son, and name him Immanuel. Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel.
15 He will eat curds and honey by the time he knows to reject evil and choose good. Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no.
16 Before the boy knows to reject evil and choose good, the land whose two kings you dread will be abandoned. Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan.
17 Our Father will bring on you, your people, and your father's house days unlike any since Ephraim broke from Judah—the king of Assyria. Awurade de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
18 In that day our Father will whistle for the fly from Egypt's distant streams and for the bee in the land of Assyria, Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so.
19 and they will all come and settle in the steep ravines and in the clefts of the rocks, on all the thornbushes and at all the watering holes. Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu.
20 In that day the Sovereign Father will shave—with a razor hired from beyond the Euphrates, the king of Assyria—the head and leg hair, and sweep the beard away too. Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso.
21 In that day a man will keep alive a young cow and two sheep, Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien.
22 and because of the abundance of milk, he will eat curds; all left in the land will eat curds and honey. Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo.
23 That day, every place with 1,000 vines worth 1,000 silver pieces will become thorns and thornbushes. Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe.
24 People come there with arrows and bow, for all the land will be thornbushes and thorns. Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ.
25 You will not go to the hills once worked with the hoe, for fear of the thornbushes and thorns; they become pasture for cattle and trampling ground for sheep." Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]