Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 In the year King Uzziah died, I saw the Lord Jesus seated on a throne, high and lifted up, and the hem of his robe filled the temple. Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma.
2 Above him stood seraphim, each with six wings: two covered the face, two covered the feet, two flew. Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.
3 They called to one another: "Holy, holy, holy is our Father, Son, and Holy Spirit, the Lord of heaven's armies; the whole earth is full of his glory." Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
4 At the sound of their voices the thresholds' foundations shook, and the house filled with smoke. Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.
5 Then I said: "Woe to me! I'm ruined! I'm a man of unclean lips living among people of unclean lips—and my eyes have seen the King, Jesus, the Lord of all heaven's armies!" Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”
6 Then one of the seraphim flew to me with a glowing coal in his hand, taken with tongs from the altar. Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn.
7 He touched my mouth with it and said, "See, this touched your lips; your guilt is removed, your sin atoned for." Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”
8 Then I heard the voice of our Lord Jesus saying, "Whom should I send? Who will go for us?" I said, "Here I am. Send me." Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekae se, “Mini. Soma me!”
9 He said, "Go, tell this people: 'Keep hearing, but never understand; keep seeing, but never perceive.' Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se, “ ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase; Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’
10 Make the heart of this people calloused; make their ears dull and their eyes blind—so they will not see with their eyes, hear with their ears, understand with their hearts, and turn and be healed." Efisɛ mo, moapirim mo koma; moasisiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, na mo koma ate asɛm ase, na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”
11 Then I said, "How long, Lord Jesus?" He answered: "Until cities lie ruined and empty, houses without people, the land left utterly desolate, Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?” Na obuae se, “Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo a nnipa ntete so, enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw na mfuw no asɛe ayɛ pasaa,
12 "Until our Father has sent the people far away, and vast emptiness covers the land. enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.
13 And though a tenth remains in it, it will be burned again—like a terebinth or an oak whose stump remains when it is felled. The holy seed is its stump." Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛnea dupɔn anaa odum gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]