Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Let me sing now for the one I love a song of my beloved about his vineyard. My beloved had a vineyard on a very fertile hillside. Mɛto dwom ama me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.
2 He dug it and cleared it of stones and planted it with the choicest vines. He built a watchtower in the middle of it and also carved out a winepress in it. Then he waited for it to yield good grapes, but it yielded only wild ones. Ofuntum asase no, yiyii mu abo, na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na otuu nsakyiamoa nso. Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa, nanso ɛsow aba bɔne.
3 "And now, you who live in Jerusalem and you people of Judah, judge between me and my vineyard. “Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.
4 What more was there to do for my vineyard that I have not done in it? Why, when I waited for it to yield good grapes, did it yield only wild ones? Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo boro nea mayɛ yi so? Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no adɛn nti na ɛsow aba bɔne?
5 And now let me tell you what I am about to do to my vineyard: I will take away its hedge, and it will be devoured; I will break down its wall, and it will be trampled. Afei mɛka nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo: Meyi ho ban no afi hɔ, na wɔbɛsɛe no; mebubu ho ɔfasu, na wobetiatia so.
6 I will make it a wasteland; it will not be pruned or hoed, and briers and thorns will grow up over it. And I will command the clouds to send no rain upon it." Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ osu angu so.”
7 For the vineyard of the Father of heaven's armies is the house of Israel, and the people of Judah are his cherished planting. He looked for justice, but found only bloodshed; for righteousness, but heard only an outcry. Asafo Awurade bobeturo no yɛ Israelfi, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.
8 Woe to those who add house to house and join field to field, until there is no room left and you live alone in the middle of the land. Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho na mugyigye mfuw bobɔ so kosi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
9 With my own ears I heard the Father of heaven's armies swear: "Surely many houses will become desolate, great and beautiful ones left without anyone to live in them. Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan, na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.
10 For ten acres of vineyard will yield only about six gallons of wine, and ten baskets of seed will yield only one basket of grain." Bobeturo kɛse pa ara no nsa kakraa bi na ebefi mu. Aba lita aduonu baako a wodua no wobenya so lita aduonu abien pɛ.”
11 Woe to those who rise early in the morning to chase strong drink, who linger late into the evening till wine inflames them. Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan wɔn a wosii pɛ anadwo kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.
12 At their feasts there are lyre and harp, tambourine and flute and wine, but they pay no regard to the deeds of our Father, and they do not see the work of his hands. Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase, akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa, nanso wotwiri nea Awurade ayɛ, na wommu ne nsa ano adwuma.
13 Therefore my people go into exile for lack of knowledge; their honored men are starved, and the common people are parched with thirst. Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu, efisɛ wonni ntease; ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw na osukɔm betware wɔn mu bebree.
14 Therefore the grave has enlarged its appetite and opened its mouth wide, and down go her splendor and her crowds, her uproar and all who rejoice in her. Enti Owu bae nʼabogye mu na obue nʼanom bayaa; na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no.
15 So mankind is humbled, and each person is brought low, and the proud eyes of the arrogant are cast down. Enti wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
16 But the Father of heaven's armies is exalted in justice, and our holy Father shows himself holy in righteousness. nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so, na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
17 Then lambs will graze as in their own pasture, and strangers will feed among the ruins of the rich. Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea; nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.
18 Woe to those who drag their wickedness along with cords of lies, and sin as with cart ropes, Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.
19 who say, "Let him hurry; let him speed his work, so we may see it. Let the plan of the Holy One of Israel draw near and come, so we may know it." Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛnea yebehu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra, sɛnea yebehu.”
20 Woe to those who call evil good and good evil, who call darkness light and light darkness, who call bitter sweet and sweet bitter. Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode sum si hann anan mu na hann si sum anan mu, mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ se nweenwen.
21 Woe to those who are wise in their own eyes and clever in their own sight. Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so ne anitewfo mo ankasa ani so.
22 Woe to those who are heroes at drinking wine and champions at mixing strong drink, Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.
23 who acquit the guilty for a bribe and strip away the rights of the innocent. Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ na mubu nea odi bem no fɔ.
24 Therefore, as a tongue of fire devours the stubble and dry grass shrivels in the flame, so their roots will rot and their blossom go up like dust; for they have rejected the instruction of the Father of heaven's armies, and despised the word of the Holy One of Israel. Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo ntin bɛporɔw, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma; efisɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
25 Therefore the anger of our Father burned against his people, and he stretched out his hand against them and struck them. The mountains quaked, and their corpses lay like garbage in the streets. For all this his anger has not turned away, and his hand is still stretched out. Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so, wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔw no wosow, na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura. Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
26 He will raise a signal for the nations far away and whistle for them from the ends of the earth, and swiftly, speedily they come. Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman, ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, afrɛ so ne ntɛm so!
27 Not one of them is weary or stumbles, not one drowses or sleeps; not a belt is loosened at the waist, not a sandal strap is broken. Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu na mpaboa hama biara nso rentew.
28 Their arrows are sharpened and all their bows are drawn; their horses' hooves seem like flint and their wheels like a whirlwind. Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo, wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.
29 Their roar is like a lion; they roar like young lions. They growl and seize the prey and carry it off, with no one to rescue the victims. Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de, na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma; wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.
30 On that day they will growl over it like the growling of the sea. And if anyone looks across the land, there is only darkness and distress; even the light is darkened by its clouds. Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so sɛnea po woro so no. Na sɛ obi hwɛ asase no a, obehu sum kabii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]