Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 9 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 But there will be no gloom for her that was in anguish. Earlier he humbled the land of Zebulun and Naphtali, but later he honored the way of the sea, beyond the Jordan, Galilee of the nations. Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
2 The people walking in darkness have seen a great light; on those who lived in a land of deep darkness, a light has shone. Nnipa a wɔnam sum mu ahu Hann kɛse; wɔn a wɔte asase a so sum kabii no, hann bi apue wɔn so.
3 You have multiplied the nation; you have increased its joy. They rejoice before you as with joy at the harvest, as men are glad when they divide the plunder. Woatrɛw ɔman no mu woama wɔn ani agye mmoroso wodi ahurusi wɔ wʼanim sɛnea nnipa di ahurusi otwabere, sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
4 For the yoke of his burden, and the bar across his shoulder, the rod of his oppressor, you have shattered as on the day of Midian. Te sɛ da a Midian dii nkogu no, woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no, abaa a ɛda wɔn mmati, wɔn nhyɛsofo pema.
5 For every boot of the trampling warrior in the din of battle, and every garment soaked in blood, will be burned as fuel for the fire. Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atade biara a mogya akeka mu, wobegyaw agu hɔ na wɔahyew; ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
6 For to us a child is born, to us a son is given; and the government will be upon his shoulder. And his name will be called Wonderful Counselor, Mighty God, Everlasting Father, Prince of Peace. Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima, na amammui no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoe Wura.
7 There will be no end to the increase of his government and peace, on the throne of David and over his kingdom, to establish it and to uphold it with justice and with righteousness from now on and forevermore. The zeal of the Father of heaven's armies will accomplish this. Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahengua so abu Nʼahenni, Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ befi ase na wama atim afi saa bere no akosi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ eyi.
8 The Sovereign Father has sent a word against Jacob, and it has fallen on Israel. Awurade ama Yakob nkra a etia no, na ɛbɛka Israel.
9 And all the people will know it—Ephraim and the inhabitants of Samaria—who say with proud and arrogant hearts: Nnipa no nyinaa behu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomaso koma kasa no,
10 "The bricks have fallen, but we will rebuild with cut stones; the sycamores have been cut down, but we will put cedars in their place." “Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde sida besi anan mu.”
11 So our Father raises against them the adversaries of Rezin, and stirs up their enemies. Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran.
12 Aram from the east and the Philistines from the west have devoured Israel with open mouth. For all this his anger has not turned away, and his hand is still outstretched. Aramfo a wofi apuei fam, Filistifo a wofi atɔe fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
13 Yet the people did not turn to the one who struck them, nor did they seek the Father of heaven's armies. Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.
14 So our Father cut off from Israel both head and tail, palm branch and reed, in a single day, Enti Awurade betwa eti ne dua afi Israel ho na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ;
15 the elder and the honored man are the head, and the prophet who teaches lies is the tail. mpanyimfo ne akunini no ne eti no, na atoro adiyifo no ne dua no.
16 For those who guide this people lead them astray, and those who are guided by them are swallowed up. Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa, na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.
17 Therefore the Sovereign Father does not rejoice over their young men, and has no compassion on their orphans and their widows; for everyone is godless and an evildoer, and every mouth speaks foolishness. For all this his anger has not turned away, and his hand is still outstretched. Enti Awurade ani rennye mmerante no ho, na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo, ano biara ka ahuhusɛm. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
18 For wickedness burns like a fire; it consumes briers and thorns; it kindles the thickets of the forest, and they roll upward in a column of smoke. Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya; ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no, na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.
19 Through the wrath of the Father of heaven's armies, the land is scorched, and the people have become like fuel for the fire; no one spares his brother. Ɛnam Asafo Awurade abufuw so, asase no bɛkyen na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
20 They carve on the right, but are still hungry; they devour on the left, but are not satisfied; each devours the flesh of his own arm. Nifa so, wɔbɛfom aduan adi, nanso ɔkɔm bɛde wɔn; benkum so wobedidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba nam.
21 Manasseh devours Ephraim, and Ephraim Manasseh, and together they are against Judah. For all this his anger has not turned away, and his hand is still outstretched. Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]