Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 53 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Who has believed our message? And to whom has the arm of our Father been revealed? Hena na wagye yɛn asɛm no adi? na Awurade abasa no, hena so na ada adi?
2 For he grew up before him like a tender shoot, and like a root out of dry ground; he had no stately form or majesty to make us look at him, no beauty to attract us to him. Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi, te sɛ ntin a efi asase wosee mu. Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.
3 He was despised and rejected by men, a man of sorrows and acquainted with grief; and like one from whom people hide their faces, he was despised, and we thought nothing of him. Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw. Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no wobuu no animtiaa na yɛammu no.
4 Surely he has borne our griefs and carried our sorrows; yet we considered him stricken, struck down by our Father, and afflicted. Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhow, nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
5 But he was pierced for our rebellion; he was crushed for our sins; the punishment that brought us peace was upon him, and by his wounds we are healed. Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
6 We all, like sheep, have gone astray; we have turned, each one, to his own way; and our Father has laid on him the sin of us all. Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumɔyɛ ato no so.
7 He was oppressed, and he was afflicted, yet he did not open his mouth; like a lamb led to the slaughter, and like a sheep silent before its shearers, so he did not open his mouth. Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no. Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, saa ara na wammue nʼano.
8 By oppression and judgment he was taken away; and who among his generation gave any thought to this—that he was cut off from the land of the living, struck down for the rebellion of my people? Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe. Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so; me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.
9 They assigned him a grave with the wicked, and with a rich man in his death, though he had done no violence, and no deceit was in his mouth. Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu, na ne wu mu wɔde no too adefo mu ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.
10 Yet it was our Father's will to crush him and to make him suffer; when he makes his life an offering for guilt, he will see his offspring, he will live long, and the will of our Father will prosper through him. Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde, obehu nʼasefo na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
11 After the anguish of his soul he will see the light and be satisfied; by his knowledge my righteous servant will make many righteous, and he will bear their sins. Ne kra amanehunu akyi, obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam; na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem, na wasoa wɔn amumɔyɛ.
12 Therefore I will give him a portion among the many, and he will divide the spoil with the strong, because he poured out his life to death and was numbered with the transgressors; yet he bore the sin of many, and he intercedes for the transgressors. Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu, na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na odi maa mmaratofo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]