Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 52 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Wake up, wake up, put on your strength, Zion; put on your beautiful garments, Jerusalem, the holy city; for the uncircumcised and the unclean will never enter you again. Nyan, nyan, Sion, hyɛ ahoɔden adurade no. Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapon mu bio.
2 Shake yourself from the dust and arise; take your throne, Jerusalem; free yourself from the bonds around your neck, captive daughter of Zion. Poroporow wo ho mfutuma. Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu, Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.
3 For this is what our Father says: "You were sold for nothing, and you will be redeemed without money." Na sɛɛ na Awurade se: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”
4 For this is what the Sovereign Father says: "At first my people went down to Egypt to live there as foreigners, and Assyria oppressed them for nothing. Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
5 "And now, what is this?" declares our Father, "seeing that my people are taken away for nothing? Their rulers wail," declares our Father, "and continually, all day long, my name is despised. “Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se. “Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, na wɔn sodifo di fɛw,” Awurade na ose. “Da mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
6 Therefore my people will know my name; therefore in that day they will know that it is I who speak; here I am." Enti me nkurɔfo behu me din; enti da no wobehu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Yiw, ɛyɛ me.”
7 How beautiful on the mountains are the feet of the messenger who brings good news, who proclaims peace, who brings good news of good things, who proclaims salvation, who says to Zion, "Your Father reigns!" Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ, wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion se, “Mo Nyankopɔn di hene.”
8 Listen! Your watchmen lift up their voices; together they shout for joy, for with their own eyes they will see our Father returning to Zion. Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. Sɛ Awurade san ba Sion a, wɔde wɔn ani behu.
9 Burst into song together, you ruins of Jerusalem, for our Father has comforted his people; he has redeemed Jerusalem. Mommɔ mu ntue anigye nnwonto, mo Yerusalem nnwiriwii, efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛ wagye Yerusalem.
10 Our Father has bared his holy arm in the sight of all the nations, and all the ends of the earth will see the salvation of our Father. Awurade beyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
11 Leave! Leave! Go out from there; touch no unclean thing; go out from among them; purify yourselves, you who carry the vessels of our Father. Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew. Mumfi ho na mo ho ntew, mo a mukurakura Awurade nkuruwa.
12 For you will not go out in haste, nor will you flee; for our Father will go before you, and our Father will be your rear guard. Morentutu mmirika mfi ha anaa morenguan; efisɛ Awurade bedi mo anim, Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
13 See, my servant will act wisely; he will be raised and lifted up and highly exalted. Hwɛ, me somfo bedi yiye wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse.
14 Just as many were appalled at him—his appearance was so disfigured beyond that of any man, and his form beyond that of any human being, Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no, wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de,
15 so he will sprinkle many nations; kings will shut their mouths because of him. For what they were not told, they will see, and what they had not heard, they will understand. saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]