Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hebrews 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 So, holy brothers sharing a heavenly call, consider Jesus, the apostle and high priest we confess. Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho.
2 He was faithful to the one who appointed him, as Moses also was in all our Father's house. Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no.
3 Jesus deserves far more glory than Moses, as a house's builder deserves more honor than the house itself. Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no.
4 For every house is built by someone, but the builder of all things is our Father. Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
5 Moses was faithful in all our Father's house, a servant testifying to what would be spoken later. Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
6 But Christ, as son, is faithful over his house. And we are his house—if we hold firm the confidence and hope we boast in. Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.
7 So, as the Holy Spirit says: "Today, if you hear his voice, Enti Honhom Kronkron no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
8 do not harden your hearts as you did in the rebellion, on the day of testing in the wilderness, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.
9 where your ancestors put me to the test and saw my works for forty years. Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe, nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.
10 That is why I was angry with that generation, and I said, 'Their hearts are always going astray, and they have not known my ways.' Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.’
11 So I swore in my anger, 'They will never enter my rest.'" Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, ‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’ ”
12 Brothers, watch that none of you has an evil, unbelieving heart that deserts the living Father. Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.
13 But encourage each other daily, while it is called "today," so none of you becomes hardened by sin's deceit. Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no.
14 For we have become sharers in Christ, if we truly keep our first confidence firm to the end. Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu.
15 As it is said: "Today, if you hear his voice, do not harden your hearts as when you rebelled." Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
16 Who heard and rebelled? Wasn't it all who left Egypt through Moses? Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa.
17 With whom was he angry forty years? Was it not with those who sinned, whose bodies fell in the wilderness? Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no.
18 Who did he swear would never enter his rest, except those who disobeyed? Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.
19 So we see they couldn't enter because of lack of faith. Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]