Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Joel 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 "For look, in those days and at that time, when I restore the fortunes of Judah and Jerusalem, “Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.
2 I will gather all the nations and bring them down to the Valley of Jehoshaphat. There I will judge them on behalf of my people, my inheritance Israel, whom they scattered among the nations; for they divided up my land, Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu. Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
3 and they cast lots for my people. They traded a boy for a prostitute, and sold a girl for wine to drink. Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto, Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman. Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã, a wɔbɛnom.
4 "Now what do you have against me, Tyre and Sidon, and all the regions of Philistia? Are you repaying me for something I have done? If you are paying me back, I will swiftly and speedily bring what you have done back on your own heads. “Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
5 For you took my silver and my gold and carried my finest treasures into your temples. Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.
6 You sold the people of Judah and Jerusalem to the Greeks, to send them far away from their own land. Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
7 "But look, I am rousing them from the place to which you sold them, and I will bring what you have done back on your own heads. “Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.
8 I will sell your sons and daughters to the people of Judah, and they will sell them to the Sabeans, to a nation far away—for our Father has spoken." Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
9 Proclaim this among the nations: Prepare for war! Rouse the warriors! Let all the fighting men draw near and come up. Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.
10 Beat your plowshares into swords and your pruning hooks into spears; let the weakling say, "I am a warrior." Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!”
11 Hurry and come, all you surrounding nations, and gather yourselves there. Bring down your warriors, our Father. Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!
12 "Let the nations rouse themselves and come up to the Valley of Jehoshaphat; for there I will sit to judge all the surrounding nations. “Wɔnkanyane aman no; wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
13 Swing the sickle, for the harvest is ripe. Come, trample, for the winepress is full and the vats overflow—for their wickedness is great." Monhwim kantankrankyi no, ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so. Mommra, montiatia bobe no so, ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma na ankorɛ no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”
14 Multitudes, multitudes in the valley of decision! For the day of our Father is near in the valley of decision. Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.
15 The sun and the moon grow dark, and the stars hold back their light. Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
16 Our Father roars from Zion and raises his voice from Jerusalem; the heavens and the earth tremble. But our Father is a refuge for his people, a stronghold for the children of Israel. Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.
17 "Then you will know that I am your Father, living in Zion, my holy mountain. Jerusalem will be holy, and foreigners will never pass through it again. “Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.
18 "And in that day the mountains will drip with sweet wine, the hills will flow with milk, and all the streambeds of Judah will run with water. A spring will flow from my house and water the Valley of Acacias. “Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu, na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so; Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asutire bɛtue afiri Awurade efie, na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.
19 Egypt will become a wasteland and Edom a desolate wilderness, because of the violence done to the people of Judah, in whose land they shed innocent blood. Nanso Misraim bɛdane amanfo, na Edom nso bɛyɛ anweatam, ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti. Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.
20 But Judah will be inhabited forever, and Jerusalem through all generations. Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
21 I will cleanse the guilt of the blood shed against them—which I have not yet cleansed—for our Father dwells in Zion." Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no, mede bɛkyɛ. Na me Awurade, mɛtena Sion!”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]