Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Revelation 5 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nsɔwano Nhoma No

1Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano. 2Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?” 3Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu. 4Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu. 5Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.”

6Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no. 7Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu. 8Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae. 9Wɔtoo dwom foforo se,“Wofata sɛ wofa nhoma nona wotew ne nsɔwano no.Efisɛ wokum wo,na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman nemmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

10Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔnna wobedi asase so hene.”

11Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia 12reto dwom dennen se,“Oguamma a wokum no no fata sɛogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔdenne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

13Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se,“Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi,nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no,daa daa!”

14Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]