Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 24 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Balaam saw that it pleased our Father to bless Israel, so he did not seek omens as before, but turned toward the wilderness. Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.
2 Balaam looked up and saw Israel camped tribe by tribe; then the Spirit of our Father came on him. Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,
3 He lifted his oracle and said: "The oracle of Balaam son of Beor, the oracle of the man whose eye is opened, na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
4 the oracle of one who hears the words of our Father, who sees the vision of the Almighty, bowing down with eyes wide open: nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ; nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ; na ɔda fam, a nʼani hu ade:
5 How lovely are your tents, Jacob, your dwelling places, Israel! “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ, Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
6 Like valleys stretching far, like gardens beside a river, like aloes our Father has planted, like cedars beside the waters. “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon, sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua, te sɛ sida a esisi nsu ho.
7 Water will flow from his buckets, and his descendants will have abundant water. His king will be higher than Agag, and his kingdom will be exalted. Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu. Wɔn aba benya nsu ama aboro so. “Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag; wɔn ahenni bɛkorɔn.
8 Our Father brings Israel out of Egypt; Israel is like the horns of the wild ox to them. Israel will devour the nations who oppose them, break their bones, and pierce them with arrows. “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae; wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi. Wɔsɛe atirimɔdenfo aman na wobubu wɔn nnompe mu asinasin, wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
9 He crouches, he lies down like a lion, like a lioness—who dares rouse him? Blessed are those who bless you, and cursed are those who curse you." Wobutuw da sɛ gyata; te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn? “Wobehyira wɔn a wohyira wo, na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
10 Balak's anger flared against Balaam, and he clapped his hands. Balak said to Balaam, "I called you to curse my enemies, but you've blessed them three times now! Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa.
11 Now flee home! I said I would richly honor you, but God has kept you from honor." Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
12 Balaam answered Balak, "Did I not tell the messengers you sent me, Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se,
13 'Even if Balak gave me his house full of silver and gold, I couldn't go beyond my God's command to do good or bad on my own; I can only say what my God tells me'? ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.
14 And now I am going back to my people. Come, let me warn you what this people will do to your people in the days to come." Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”
15 Then he lifted his oracle, saying: "Oracle of Balaam son of Beor, oracle of the man whose eye is opened, Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,
16 the oracle of one who hears the words of our Father, who knows the knowledge of the Most High, who sees the vision of the Almighty, bowing down with eyes wide open: nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ, nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ, nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ, na ɔda fam, a nʼani hu ade no:
17 I see him, but not now; I gaze on him, but not near. A star will come out of Jacob, and a scepter will rise out of Israel; it will crush the brow of Moab and break down all the sons of Sheth. “Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren; mehwɛ no, nanso ɔmmɛn. Nsoromma bepue afi Yakob mu; ahempema bepue afi Israel mu. Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti, Moabfo nyinaa tikora.
18 Edom will be conquered, and Seir, his enemies, will be conquered, while Israel grows strong. Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so ayɛ den.
19 One from Jacob will rule, and will destroy the survivors of the city." Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”
20 Then Balaam saw Amalek, took up his message, and said: "Amalek was first among the nations, but his end is utter destruction." Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm: “Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan, nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”
21 He looked at the Kenite, took up his oracle, and said: "Your dwelling place is firm, your nest set in the rock. Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Mo atenae wɔ bammɔ, wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;
22 Yet Kain will be consumed when Asshur takes you away captive." Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo bere a Asur fa mo nnommum no.”
23 He took up his oracle and said: "Who can live when God does this? Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?
24 Ships will come from the coasts of Kittim; they will afflict Asshur and afflict Eber, but they too will come to utter destruction." Ahyɛn befi Kipro mpoano aba; wobedi Eber ne Asur so. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
25 Then Balaam rose and went back to his home, and Balak also went on his way. Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]