Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 23 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Balaam told Balak, "Build me seven altars here, prepare seven bulls and seven rams for me here." Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
2 Balak did as Balaam said; Balak and Balaam offered a bull and a ram on each altar. Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.
3 Balaam told Balak, "Stand by your burnt offering while I go; maybe God will meet me, and I'll tell you whatever he shows me." Then he went to a bare height. Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
4 Our Father met Balaam, who said to him, "I have set up seven altars and offered a bull and ram on each altar." Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”
5 Our Father put a word in Balaam's mouth: "Return to Balak and say this." Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
6 He went back to Balak—there Balak stood beside his burnt offering, with all the princes of Moab. Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho.
7 He took up his oracle and said: "From Aram Balak brought me, Moab's king from the eastern mountains: Come, curse Jacob for me; come, denounce Israel. Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm: “Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram, Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so. Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me; bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’
8 How can I curse those our Father has not cursed? How can I denounce those our Father has not denounced? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?
9 From the top of the rocks I see them, from the hills I look on them: a people dwelling alone, not counting itself among the nations. Mihu wɔn fi ɔbotan atifi; mehwɛ wɔn fi nkoko so. Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.
10 Who can count the dust of Jacob or number even a fourth of Israel? Let me die as the upright die, and let my end be like theirs!" Hena na obetumi akan Yakob mfutuma, anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako? Ma minwu atreneefo wu, na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”
11 Balak said to Balaam, "What have you done to me? I brought you to curse my enemies, and look—you've only blessed them!" Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”
12 He answered, "Must I not be careful to say what God puts in my mouth?" Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”
13 Then Balak said, "Please come with me to another place where you can see them. You will see only their outer edge, not all of them, and curse them for me from there." Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.”
14 He took him to the field of Zophim, to the top of Pisgah, built seven altars, and offered a bull and a ram on each. Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.
15 Balaam said to Balak, "Stand here by your burnt offering while I meet with him over there." Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”
16 Our Father met Balaam, put a word in his mouth, and said, "Return to Balak and say this." Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
17 He came to him—there, standing by his burnt offering, with Moab's princes. Balak said to him, "What has God spoken?" Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”
18 He took up his oracle: "Rise, Balak, and hear; listen to me, son of Zippor: Na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.
19 Our Father is not a man, that he should lie, nor a son of man, that he should change his mind. Has he ever said something and not done it? Has he ever spoken and not fulfilled it? Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
20 Look, I have received a command to bless. He has blessed, and I cannot revoke it. Wɔahyɛ me sɛ minhyira; wahyira, na merentumi nnan ani!
21 He has seen no misfortune in Jacob, nor seen trouble in Israel. Our Father is with him, and the shout of a King is among them. “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu, wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu. Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho; Ɔhene ka wɔn ho!
22 Our Father, who brought them out of Egypt, is for them like the horns of the wild ox. Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim; ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.
23 There is no enchantment against Jacob, no divination against Israel. Now it will be said of Jacob and of Israel, 'See what our Father has done!' Nnome biara mmaa Yakob so ɛ, mmusu biara nni Israel so. Afei, wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’
24 Look, a people rising up like a lioness, rousing itself like a lion; it will not lie down until it devours the prey and drinks the blood of the slain." Nnipa no sɔre sɛ gyatabere. Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa na ɔnom nea wakyere no no mogya.”
25 Balak said to Balaam, "Don't curse them at all, and don't bless them at all!" Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”
26 But Balaam answered Balak, "Didn't I tell you I must do all that God says?" Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”
27 Balak said to Balaam, "Come, let me take you elsewhere. Maybe God will let you curse them for me from there." Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.”
28 So Balak took Balaam to the top of Peor, which overlooks the wasteland. Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.
29 Balaam told Balak, "Build me seven altars here, and prepare seven bulls and seven rams here." Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
30 Balak did as Balaam had said, and offered a bull and a ram on each altar. Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]