Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then our Father spoke to Moses and Aaron, saying: Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se:
2 "The Israelites are to camp, each by his standard, with banners of their ancestral houses, facing the tent of meeting all around, they are to camp. “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”
3 "To the east, toward sunrise: the camp of Judah, by their divisions, under its standard. Leader of Judah's people: Nahshon son of Amminadab. Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
4 His division, those counted, numbered 74,600. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).
5 "Camping next to him: the tribe of Issachar; the leader of Issachar's sons is Nethanel son of Zuar. Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
6 His division, those counted, numbered 54,400. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).
7 "Then the tribe of Zebulun; leader of Zebulun's sons: Eliab son of Helon. Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
8 His division, those counted, numbered 57,400. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).
9 "All counted in Judah's camp: 186,400, by their divisions. They set out first. Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.
10 "South side: the banner of Reuben's camp, by divisions. Leader of Reuben's people: Elizur son of Shedeur. Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
11 His division, those counted, numbered 46,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).
12 "Camping beside him: the tribe of Simeon; leader of Simeon's people, Shelumiel son of Zurishaddai. Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
13 His division, those counted, numbered 59,300. Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).
14 "Then the tribe of Gad: leader of Gad's people, Eliasaph son of Deuel. Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
15 His division, those counted, numbered 45,650. Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).
16 "Those counted in Reuben's camp, by their divisions: 151,450. They set out second. Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.
17 "Then the tent of meeting sets out, with the Levites' camp in the middle of the camps. They set out in the order they camp, each in place, under their banners. Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.
18 "West side: Ephraim's camp standard, by their divisions; leader of Ephraim's people is Elishama son of Ammihud. Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
19 His division, those counted, numbered 40,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500).
20 "Beside him: the tribe of Manasseh, led by Gamaliel son of Pedahzur. Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
21 His division, those counted, numbered 32,200. Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).
22 "Then the tribe of Benjamin, led by Abidan son of Gideoni. Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
23 His division, those counted, numbered 35,400. Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).
24 "All counted in Ephraim's camp: 108,100, by their divisions. They set out third. Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.
25 "Dan's camp standard stands on the north side, by divisions. Ahiezer son of Ammishaddai leads Dan's people. Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
26 His division, those counted, numbered 62,700. Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).
27 "Camping next to it: the tribe of Asher, its leader Pagiel son of Ochran. Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
28 His division, those counted, numbered 41,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum (41,500).
29 "Then the tribe of Naphtali; Naphtali's leader is Ahira son of Enan. Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
30 His division, those counted, numbered 53,400. Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
31 "All counted in Dan's camp: 157,600. They set out last, by their standards." Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia (157,600).
32 These are Israelites counted by their clans, all camp divisions: 603,550. Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550).
33 But the Levites were not counted among the Israelites, just as our Father had commanded Moses. Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.
34 So the Israelites did all our Father commanded Moses. So they camped by their standards, and so they set out, each by clan, by ancestral family. Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]