Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father spoke to Moses in the Sinai wilderness, in the tent of meeting, on the first day of the second month of the second year after they left the land of Egypt. He said: Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se:
2 "Count the whole community of Israel's people, by clans and fathers' houses—every male, by name, head by head. “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din.
3 Register everyone in Israel twenty and older who can serve in the army—you and Aaron—by their divisions. Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa.
4 A man from each tribe is to be with you, each one the head of his family. Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.
5 "Names of the men who will stand with you: from Reuben, Elizur son of Shedeur. “Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni: “Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;
6 "From Simeon, Shelumiel son of Zurishaddai; Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;
7 "From Judah, Nahshon son of Amminadab; Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;
8 "From Issachar, Nethanel son of Zuar; Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;
9 "From Zebulun, Eliab son of Helon; Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;
10 "From the sons of Joseph: from Ephraim, Elishama son of Ammihud; from Manasseh, Gamaliel son of Pedahzur; Yosef mmabarima no: Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;
11 "From Benjamin, Abidan son of Gideoni; Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;
12 "From Dan, Ahiezer son of Ammishaddai; Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;
13 "From Asher, Pagiel son of Ochran; Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;
14 "From Gad, Eliasaph son of Deuel; Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;
15 "From Naphtali, Ahira son of Enan. Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”
16 "These were the community's called ones, leaders of their ancestral tribes, heads of Israel's clans." Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.
17 So Moses and Aaron took these men who had been designated by name, Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi,
18 on the first day of the second month they gathered the whole community. The people registered their ancestry by clan and family—every male twenty years old and older, listed by name, one by one, na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako,
19 as our Father had commanded Moses. So Moses counted them in the wilderness of Sinai. sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.
20 From Reuben's descendants, Israel's firstborn: recorded by clan and family, name by name, every male twenty years old and up, able to serve in war. Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
21 Those counted from the tribe of Reuben were 46,500. Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).
22 Simeon's descendants, by clans and families, counted by name, head by head: every male twenty years old and up, fit for the army. Simeon asefo: Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
23 Those counted from the tribe of Simeon were 59,300. Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).
24 From Gad's descendants: by clans, families, and names, every man twenty and older fit for military service. Gad asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
25 Those counted from the tribe of Gad were 45,650. Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).
26 Judah's descendants, listed by clans and families, by name, every man twenty and older able to serve in the army: Yuda asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
27 those counted from the tribe of Judah were 74,600. Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).
28 Issachar's descendants, listed by clan and family, by name, every man twenty years and older fit for war: Isakar asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
29 those counted from the tribe of Issachar were 54,400. Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).
30 Zebulun's descendants: registered by clan and family, by name, every man twenty years old or older fit for military service. Sebulon asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
31 Those counted from the tribe of Zebulun were 57,400. Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).
32 Sons of Joseph, Ephraim's line: recorded by clan and family, by name, every man twenty and older fit for military service. Yosef mmabarima no: Efraim asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
33 Those counted from the tribe of Ephraim were 40,500. Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).
34 Manasseh's descendants, listed by clans and families, by name, each man twenty years or older able to serve in the army: Manase asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
35 those counted from the tribe of Manasseh were 32,200. Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).
36 From Benjamin's descendants, recorded by clan and family, by name, every man twenty years old and older, fit for military service: Benyamin asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
37 those counted from the tribe of Benjamin were 35,400. Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).
38 From Dan's descendants, listed by clan and family, by name, every man twenty years old and older fit for war: Dan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
39 those counted from the tribe of Dan were 62,700. Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).
40 Asher's descendants, listed by clan and family, by name: every man twenty years old and up, fit for military service. Aser asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
41 Those counted from the tribe of Asher were 41,500. Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000).
42 Naphtali's descendants: by clan and family, counted by name, every man twenty and older fit for war. Naftali asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
43 Those counted from the tribe of Naphtali were 53,400. Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
44 Moses, Aaron, and Israel's twelve leaders counted these men, each for his family. Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn.
45 All Israel's people were counted by families, every man twenty years old and older, fit to serve in Israel's army. Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.
46 All those counted came to 603,550. Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).
47 But the Levites were not counted among them by their ancestral tribe. Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.
48 For our Father had said to Moses: Na Awurade aka akyerɛ Mose se,
49 "Do not count the tribe of Levi or list them among the Israelites. “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho.
50 Instead, put the Levites in charge of the tabernacle of the testimony, all its furnishings, and everything belonging to it. They must carry the tabernacle and its furnishings, care for it, and camp around it. Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.
51 When the tabernacle sets out, Levites take it down; when it is pitched, Levites set it up. Any outsider who comes near is to be put to death. Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no.
52 Israel's people are to camp, each by his own camp, each under his own banner, by their companies. Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa.
53 The Levites must camp around the tabernacle of the testimony, so no wrath falls on the Israelite community; the Levites are to guard the tabernacle of the testimony." Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”
54 The people of Israel did everything our Father had commanded Moses; that is exactly what they did. Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]