Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the family line of Aaron and Moses, when our Father spoke with Moses on Mount Sinai. Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no.
2 These are the names of the sons of Aaron: Nadab the firstborn, then Abihu, Eleazar, and Ithamar. Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar.
3 These are the names of Aaron's sons, the anointed priests whom Moses ordained to serve as priests. Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo.
4 Nadab and Abihu died before our Father in the wilderness of Sinai when they offered unauthorized fire before him; they had no children. So Eleazar and Ithamar served as priests before Aaron their father. Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.
5 Then our Father said to Moses: Awurade ka kyerɛɛ Mose se:
6 "Bring the tribe of Levi near and set them before Aaron the priest, to serve him. “Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo.
7 They are to keep his duties and those of the whole community before the tent of meeting, performing the tabernacle's service. Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa.
8 They are to guard all the tent of meeting's equipment and the Israelites' duty, doing the tabernacle's service. Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
9 Give the Levites to Aaron and his sons; they are given entirely to him from among Israel's people. Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora.
10 Appoint Aaron and his sons to guard their priesthood; any outsider who comes near must die." Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
11 Then our Father said to Moses: Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
12 "Look, I have taken the Levites from among the Israelites in place of every firstborn that opens the womb among the Israelites. The Levites are mine. “Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de,
13 Every firstborn is mine. The day I struck down every firstborn in Egypt, I set apart for myself every firstborn in Israel—both man and animal. They will be mine. I am your Father." efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”
14 Then our Father spoke to Moses in the wilderness of Sinai: Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se,
15 "Count Levi's sons by fathers' houses and clans; count every male a month old and up." “Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.”
16 So Moses counted them at the word of our Father, just as he had been commanded. Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
17 These were the sons of Levi by their names: Gershon, Kohath, and Merari. Eyinom ne Lewi mmabarima: Gerson, Kohat ne Merari.
18 These are the names of the sons of Gershon by their clans: Libni and Shimei. Gerson asefo ni: Libni ne Simei.
19 The sons of Kohath by their clans: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel. Kohat asefo: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
20 Merari's sons by clan: Mahli and Mushi. These are the Levite clans by fathers' houses. Merari asefo: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
21 From Gershon: the Libnite clan and the Shimeite clan—these are the Gershonite clans. Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.
22 The number of males counted, a month old or older, was 7,500. Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum (7,500).
23 The clans of the Gershonites camped behind the tabernacle on the west. Wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no akyi wɔ atɔe fam.
24 The leader of the fathers' house of the Gershonites was Eliasaph son of Lael. Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.
25 Gershon's sons at the tent of meeting cared for the tabernacle, the tent, its covering, and the entrance screen of the tent of meeting. Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so.
26 The courtyard's curtains and its entrance screen, surrounding the tabernacle and altar, and its cords for all its service. Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so.
27 From Kohath came the Amramite clan, the Izharite clan, the Hebronite clan, and the Uzzielite clan; these are the clans of the Kohathites. Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.
28 Males a month old and up numbered 8,600, in charge of the sanctuary. Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem awotwe ne ahansia (8,600). Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.
29 The clans of the sons of Kohath camped on the south side of the tabernacle. Wɔmaa wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
30 The leader of the fathers' house of the Kohathite clans was Elizaphan son of Uzziel. Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.
31 They cared for the ark, the table, the lampstand, the altars, the sanctuary vessels used in service, the screen, and all its work. Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow wɔ hɔ nyinaa no so.
32 Eleazar son of Aaron the priest was chief leader of the Levites, in charge of those guarding the sanctuary. Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin wɔ asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so.
33 From Merari: the Mahlite clan and the Mushite clan—these are Merari's clans. Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.
34 The number of males counted, a month old or older, was 6,200. Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu (6,200).
35 Leader of Merarite clans' ancestral house: Zuriel son of Abihail; they camped on the tabernacle's north side. Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.
36 Merari's sons were charged with the tabernacle's frames, crossbars, posts, bases, all its equipment, and all its service, Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa,
37 as well as the posts of the surrounding courtyard with their bases, pegs, and cords. ne mpuran a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so.
38 Camped east of the tabernacle, in front of the tent of meeting toward sunrise, were Moses, Aaron, and his sons, who kept charge of the sanctuary for the Israelites; any outsider who approached was to be put to death. Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima sɛ wonsisi wɔn ntamadan wɔ hɔ. Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa. Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.
39 All the Levites whom Moses and Aaron counted at our Father's command, by their clans, every male a month old and up: 22,000. Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien (22,000).
40 Then our Father said to Moses, "Count every firstborn male of Israel a month old or older, and record the number of their names. Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din.
41 Take the Levites for me—I am your Father—in place of every firstborn among the people of Israel, and the Levites' livestock in place of every firstborn among Israel's livestock." Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”
42 So Moses counted every firstborn among the people of Israel, just as our Father had commanded him. Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
43 All firstborn males, a month or older, listed by name: 22,273. Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273).
44 Then our Father spoke to Moses: Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
45 "Take the Levites instead of every firstborn among Israel's people, and the Levites' livestock instead of theirs. The Levites will be mine. I am your Father. “Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene Awurade.
46 To redeem the 273 firstborn Israelites exceeding the Levites' count. Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no,
47 Collect about 2 ounces per person, by sanctuary standard (each measure about half an ounce of silver). momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson.
48 Give the money to Aaron and his sons as the redemption price for the extra firstborn sons." Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”
49 So Moses collected the redemption money from the firstborn sons who exceeded the number of the Levites; Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade.
50 from Israel's firstborn sons he took 1,365—about 2 ounces, by the sanctuary standard. Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.
51 Moses gave the redemption money to Aaron and his sons, by our Father's word, just as our Father commanded Moses. Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]