Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 13 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father said to Moses, Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 "send men to scout the land of Canaan, which I'm giving Israel's people. Send one man per ancestral tribe, each a leader among them." “Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”
3 So Moses sent them from the wilderness of Paran at our Father's command; all were leaders of Israel's people. Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.
4 These were their names: from the tribe of Reuben, Shammua the son of Zaccur; Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi: Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
5 from the tribe of Simeon, Shaphat the son of Hori; Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat;
6 from the tribe of Judah, Caleb the son of Jephunneh; Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;
7 from the tribe of Issachar, Igal the son of Joseph; Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;
8 from the tribe of Ephraim, Hoshea the son of Nun; Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;
9 from the tribe of Benjamin, Palti the son of Raphu; Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;
10 from the tribe of Zebulun, Gaddiel the son of Sodi; Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;
11 from the tribe of Joseph (that is, from the tribe of Manasseh), Gaddi the son of Susi; Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;
12 from the tribe of Dan, Ammiel the son of Gemalli; Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;
13 from the tribe of Asher, Sethur the son of Michael; Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;
14 from the tribe of Naphtali, Nahbi the son of Vophsi; Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi;
15 from the tribe of Gad, Geuel the son of Machi. Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.
16 These are the names of the men Moses sent to scout the land. Moses named Hoshea son of Nun, Joshua. Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.
17 Moses sent them to scout the land of Canaan and said to them, "Go up this way into the Negev, go up into the hill country, Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so.
18 and see what the land is like, and whether the people living there are strong or weak, few or many, Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua.
19 and whether the towns they live in are open camps or fortified, and whether the land is good or bad, Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho?
20 and whether the land is rich or poor, and whether it has trees or not. Be brave, and bring back fruit from the land." It was the season of the first ripe grapes. Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.
21 So they went up and explored the land from the wilderness of Zin to Rehob, near Lebo-hamath. Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no.
22 They went up through the Negev to Hebron, where Ahiman, Sheshai, and Talmai, Anak's descendants, lived. Hebron was built seven years before Zoan in Egypt. Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
23 They reached the Valley of Eshcol and cut a branch with one cluster of grapes, carried on a pole between two men; they also brought pomegranates and figs. Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe.
24 That place was named Valley of Eshcol, since the Israelites cut a cluster of grapes there. Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ.
25 At the end of forty days they returned from exploring the land. Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.
26 They came to Moses, Aaron, and the whole community of Israel in the wilderness of Paran, at Kadesh, reported back to them and the whole community, and showed them the land's fruit. Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe.
27 They told him, "We went to the land you sent us to. It truly flows with milk and honey; here is its fruit. Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni.
28 Yet the people in the land are strong, the cities fortified and very large—we even saw Anak's descendants there. Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo.
29 Amalekites live in the Negev. Hittites, Jebusites, and Amorites live in the hills. Canaanites live along the sea and beside the Jordan." Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”
30 Caleb silenced the people before Moses and said, "Let's go up now and possess it—we can certainly overcome it." Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”
31 But the men who went up with him said, "We can't go up against the people, for they are stronger than we are." Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.”
32 So they gave Israel a bad report of the land they had explored, saying, "The land we crossed to explore devours its inhabitants, and everyone we saw there is of great size. Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran.
33 There we saw the Nephilim—Anak's descendants come from the Nephilim. We seemed like grasshoppers to ourselves, and so we seemed to them." Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]