Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Mark 4 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus again taught by the sea. So large a crowd gathered around him that he got into a boat on the water and sat, while the whole crowd was on land by the sea. Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Eyi nti ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne kyerɛkyerɛ no so.
2 He taught them many things in parables, and in his teaching he said to them: Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se:
3 "Listen! A sower went out to sow. “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no,
4 And as he sowed, some seed fell along the path, and the birds came and devoured it. Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii.
5 Other seed fell on rocky ground, lacking much soil, and sprang up at once since the soil had no depth. Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so.
6 When the sun rose, the plants were scorched, and since they had no root, they withered. Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee.
7 Other seed fell among thorns, and the thorns grew up and choked it, yielding no grain. Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba.
8 Other seed fell into good soil, producing grain that sprouted, grew, and yielded thirty, sixty, one hundred times what was sown." Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”
9 And he said, "Whoever has ears to hear, let him hear." Na Yesu kae se, “Nea ɔwɔ aso no ntie!”
10 When he was alone, those around him, together with the Twelve, asked him about the parables. Akyiri no a ɛkaa ɔne dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no ase ne dɛn?”
11 He said to them, "To you is given the secret of the kingdom of our Father, but to those outside, everything comes in parables, Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn.
12 so that 'they may look but not perceive, and hear but not understand, and not turn and be forgiven.'" Esiane saa nti, “ ‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase, na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
13 He said to them, "You don't understand this parable? Then how will you understand all the parables? “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase?
14 The sower sows the word. Okuafo no asɛm no.
15 These are the ones on the path where the word is sown: once they hear, Satan comes immediately and takes away the word sown in them. Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa.
16 These are the ones sown on rocky ground, who hear the word and immediately receive it with joy. Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no.
17 But they have no root in themselves, lasting only briefly; when trouble or persecution comes because of the word, they fall away at once. Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw.
18 And others are the ones sown among thorns. These are those who hear the word, Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,
19 but worries of this age, the deceit of wealth, and desires for other things enter and choke the word, and it produces no fruit. nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara.
20 And these are the ones sown on good soil: they hear the word, accept it, and produce fruit—thirty, sixty, one hundred times over." Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”
21 He told them, "Does anyone bring in a lamp to put it under a basket or bed—not on a stand? Afei Yesu bisaa wɔn se, “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butuw so? Mmom mommfa nsi ne dua so ana?
22 Nothing is hidden except to be revealed; nothing is secret except to surface. Wɔbɛda nea ahintaw biara no adi, na nea wɔakata so biara no wɔde bepue gua.
23 If anyone has ears to hear, let him hear." Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!
24 He told them, "Watch what you hear. The measure you use will be measured to you—and more added. “Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo.
25 For whoever has will be given more; whoever doesn't, even what he has will be taken from him." Nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni no, kakraa bi a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”
26 He said, "This is what the kingdom of our Father is like: a man scatters seed on the ground. Ɔkaa bio se, “Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ni: Okuafo bi gu aba wɔ asase bi so.
27 Night and day, asleep or awake, the seed sprouts and grows, though he doesn't know how. Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ onyan o, aba no fifi a onnim sɛnea ɛyɛɛ a enyinii.
28 The soil yields grain on its own—first blade, then head, then full kernel in the head. Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin.
29 But when the grain ripens, he immediately sends the sickle, since harvest has come." Sɛ aba no nyin wie a, okuafo no fa ne dade kotwa, efisɛ otwa bere adu.”
30 He said, "What can we compare the kingdom of our Father to, or what parable can we use for it? Ɔsan kae se, “Dɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahenni no bɛto, anaa mmebusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?
31 It's like a mustard seed, the smallest of all seeds when sown on the ground. Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.
32 Yet once sown, it grows up and becomes the largest of all garden plants, producing branches so big that birds of the air can nest in its shade." Na sɛ wodua a enyin yɛ kɛse sen nnua a aka no nyinaa, eyiyi mman akɛse ma wim nnomaa besisi ne nwini mu.”
33 With many such parables he spoke the word to them, as they were able to hear. Mmebu a ɛtete sɛ eyinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase.
34 He spoke to them only in parables, but privately explained everything to his own disciples. Ɔnam mmebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
35 That day, when evening came, he said to them, "Let us cross over to the other side." Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.”
36 They left the crowd and took him along, just as he was, in the boat, other boats accompanying him. Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi.
37 A fierce windstorm came up. Waves broke over the boat, so that it was already being swamped. Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem.
38 But Jesus was asleep in the stern on the cushion. They woke him and said, "Teacher, don't you care that we're dying?" Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?”
39 He got up, rebuked the wind, and told the sea, "Peace! Be still!" The wind stopped, and it grew totally calm. Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!
40 He said to them, "Why are you so afraid? Do you still have no faith?" Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?”
41 They were terrified and asked one another, "Who then is this, that even the wind and the sea obey him?" Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]