Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Mark 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Once again Jesus entered the synagogue, and a man with a withered hand was there. Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu.
2 They watched closely to see if he'd heal the man on the Sabbath, to accuse Jesus. Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no!
3 Jesus said to the man with the withered hand, "Stand up and come forward." Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.
4 Then he asked them, "Is it lawful on the Sabbath to do good or to do harm, to save life or to kill?" But they stayed silent. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso wɔammua no.
5 He looked around at them in anger, grieved by their hardness of heart, and told the man, "Stretch out your hand." He stretched it out, and his hand was restored. Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye.
6 Then the Pharisees went out and immediately began plotting with the Herodians how they might destroy him. Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
7 Jesus withdrew with his disciples to the sea; a large crowd from Galilee followed, and from Judea, Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem,
8 from Jerusalem, Idumea, beyond the Jordan, and the region around Tyre and Sidon—hearing all he was doing, a great crowd came to him. Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.
9 He told his disciples to keep a small boat ready, because of the crowd, so they wouldn't crush him. Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ.
10 For he had healed so many that all who had diseases were pressing forward to touch him. Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade.
11 Whenever the unclean spirits saw him, they fell before him, shouting, "You are the Son of God!" Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.”
12 But he firmly warned them not to reveal him. Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
13 Jesus went up the mountain and called those he wanted; they came to him. Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn.
14 He appointed twelve, named apostles, so they could be with him and he could send them out to preach, Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no,
15 and to have authority to drive out demons. na wɔatu ahonhommɔne nso.
16 These are the twelve he appointed: Simon, to whom he gave the name Peter; Dumien a oyii wɔn no din ni: Simon, a ɔtoo no din foforo Petro.
17 James son of Zebedee, and John his brother, whom he named Boanerges, meaning Sons of Thunder; Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a ɔtoo wɔn din Boanerges, a ase ne “aprannaa mma”.
18 Andrew, Philip, Bartholomew, Matthew, Thomas, James son of Alphaeus, Thaddaeus, Simon the Zealot, Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo ne Simon ɔmanyɛfo,
19 and Judas Iscariot, who betrayed him. na Yuda Iskariot a oyii no mae no.
20 He went home; the crowd gathered again, so he and his disciples couldn't even eat. Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi.
21 When his family heard, they went out to restrain him, for they said, "He's out of his mind." Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.”
22 The scribes who came down from Jerusalem said, "He has Beelzebul," and, "By the prince of demons he drives out demons." Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”
23 So Jesus called them to him and spoke in parables: "How can Satan drive out Satan? Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?
24 If a kingdom is divided against itself, that kingdom cannot stand. Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu.
25 And if a house is divided against itself, that house will not be able to stand. Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no.
26 And if Satan opposes himself and is divided, he cannot stand; his end has come. Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu.
27 No one can enter a strong man's house and take his goods without first tying up the strong man—then he can plunder the house. Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma.
28 Truly I tell you, all sins and insults against God will be forgiven children of mankind, whatever they say, Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no;
29 but whoever blasphemes against the Holy Spirit never has forgiveness; they are guilty of an eternal sin," nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”
30 for they were saying, "He has an unclean spirit." Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.”
31 His mother and brothers arrived and, standing outside, sent to him, calling him. Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa.
32 A crowd sat around him and said to him, "Look, your mother and your brothers are outside, asking for you." Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33 He answered them, "Who are my mother and my brothers?" Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?”
34 Looking around at those sitting in a circle around him, he said, "Here are my mother and my brothers! Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, “Eyinom ne me na ne me nuanom!
35 Whoever does the will of our Father is my brother and sister and mother." Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]