Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Mark 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 They came to the other side of the sea, to the region of the Gerasenes. Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so.
2 As Jesus left the boat, a man with an unclean spirit met him at once, from the tombs. Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no.
3 He lived among the tombs, and no one could bind him anymore, not even with a chain. Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio.
4 For he'd often been bound with shackles and chains, but tore the chains apart and shattered the shackles—no one had strength to subdue him. Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim.
5 Night and day, among the tombs and on the mountains, he cried out constantly, cutting himself with stones. Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.
6 And when he saw Jesus from a distance, he ran and fell down before him. Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe.
7 Shouting loudly, he said, "What do you want with me, Jesus, Son of the Most High God? I beg you by God, don't torment me!" Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!”
8 For Jesus had been saying to him, "Come out of the man, you unclean spirit!" Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, “Honhommɔne, fi ne mu kɔ!”
9 Jesus asked, "What is your name?" "Legion," he said, "we are many." Yesu bisaa no se, “Wɔfrɛ wo dɛn?” Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso.”
10 He kept begging him not to send them out of the region. Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.
11 Now a great herd of pigs was feeding there on the hillside. Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no.
12 And they begged him, "Send us to the pigs; let us enter them." Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.”
13 He gave permission. The unclean spirits came out and entered the pigs; the herd—about 2,000—rushed down the cliff into the sea and drowned in the sea. Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.
14 The herders fled and told it in town and country; people came to see what happened. Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no.
15 They came to Jesus and saw the man who had been possessed by the demons, the one who'd had the legion, sitting there, dressed and thinking clearly—and they were afraid. Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn.
16 Eyewitnesses told them what had happened to the demon-possessed man, and about the pigs. Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo.
17 And they began to beg Jesus to leave their region. Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ!
18 As he was getting into the boat, the once-possessed man begged to be with him. Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ.
19 But Jesus refused, telling him instead, "Go home to your own people and tell them how much our Father has done for you, and how he has had mercy on you." Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.”
20 He went and began proclaiming in the Decapolis all Jesus had done for him, and everyone was amazed. Enti ɔbarima no fi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkurow Du” no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn.
21 When Jesus crossed again by boat to the other side, a large crowd gathered around him by the sea. Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.
22 One of the synagogue leaders, named Jairus, came, saw Jesus, and fell at his feet, Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe,
23 and begged him urgently, "My little daughter is dying. Come, lay your hands on her, so she may be healed and live." srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.”
24 So Jesus went with him. And a great crowd followed him and pressed around him. Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.
25 And there was a woman with a discharge of blood that had gone on for twelve years. Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho.
26 She had suffered much under many doctors, spent all she owned, gained nothing, and only grew worse. Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara.
27 Hearing about Jesus, she came up behind him in the crowd and touched his cloak. Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no.
28 For she kept saying, "If I just touch his garments, I will be made well." Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.”
29 Her flow of blood dried up instantly, and she felt in her body that she was healed of her suffering. Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.
30 At once Jesus, aware that power had left him, turned around in the crowd and asked, "Who touched my clothes?" Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, “Hena na osoo mʼatade mu no?”
31 His disciples said to him, "You see the crowd crushing you, yet you ask, 'Who touched me?'" Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ ”
32 And he looked around to see who had done it. Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no.
33 But the woman, afraid and trembling, knowing what had happened to her, came, fell before him, and told him the whole truth. Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no.
34 He told her, "Daughter, your faith made you well. Go in peace, healed of your suffering." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”
35 While he was still speaking, people came from the synagogue leader's house, saying, "Your daughter has died. Why bother the Teacher any longer?" Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?”
36 But Jesus overheard what they said and told the synagogue leader, "Don't fear, only believe." Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, “Nsuro, gye di ara.”
37 And he allowed no one to follow him except Peter, James, and John the brother of James. Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane.
38 They came to the synagogue leader's house and Jesus saw chaos—people weeping, wailing loudly. Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo.
39 Entering, he said to them, "Why this commotion and crying? The child isn't dead, just asleep." Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!”
40 They laughed at him. But he sent them all out, took the child's father and mother and his companions, and entered where the child was. Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ.
41 He took her hand and said to her, "Talitha koum," which means, "Little girl, I say to you, get up!" Osoo abofra no nsa kae sɛ, “Talita, Kuum!” a ase ne sɛ “Abaawa, mise wo sɛ sɔre!”
42 At once the girl got up and walked—for she was twelve—and they were instantly overwhelmed with great amazement. Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye.
43 He strictly ordered them to tell no one of this, and said to give her something to eat. Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]