Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 24 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 On the first day of the week, at dawn, they came to the tomb, carrying the spices they had prepared. Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
2 They found the stone rolled away from the tomb, Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ.
3 but when they went in they did not find the body of the Lord Jesus. Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ.
4 While they were perplexed about this, suddenly two men stood beside them in dazzling clothes. Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn.
5 Frightened, they bowed their faces to the ground. The men asked, "Why seek the living among the dead? Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu?
6 He's not here—he's risen. Remember what he told you while still in Galilee, Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se,
7 that the Son of Man must be handed over to sinful men, be crucified, and rise on the third day." ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?”
8 And they remembered his words, Mmea no kaee asɛm no.
9 returning from the tomb, they told all this to the eleven and all the rest. Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
10 Mary Magdalene, Joanna, Mary the mother of James, and the other women with them told these things to the apostles. Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi.
11 But these words seemed like nonsense to them, and they did not believe them. Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni.
12 Peter got up and ran to the tomb; bending down, he saw only the linen cloths, then went home amazed at what had happened. Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.
13 That same day two of them traveled to a village called Emmaus, about seven miles from Jerusalem, Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason.
14 and they were talking with each other about all these things that had happened. Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
15 While they were talking and discussing together, Jesus himself drew near and went with them. Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe.
16 But their eyes were kept from recognizing him. Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
17 He asked them, "What are you discussing with each other as you walk?" They stopped, looking sad. Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”
18 One of them, Cleopas, replied, "Are you the only visitor to Jerusalem who does not know what has happened there these days?" Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”
19 He asked, "What things?" They said, "About Jesus of Nazareth—a prophet powerful in deed and word before our Father and all the people, Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?” Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
20 and how our chief priests and rulers handed him over to a death sentence, and crucified him. ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho.
21 We'd hoped he was the one to redeem Israel. Yet on top of all this, it's the third day since these things happened. Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii.
22 Some women of ours also amazed us—early at the tomb, Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara,
23 and not finding his body, they came back saying they'd even seen a vision of angels, who said he was alive. nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase.
24 Some of our companions went to the tomb and found it just as the women said, but they did not see him." Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”
25 He said to them, "How foolish you are, and slow to believe all the prophets said! Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi.
26 Was it not necessary that the Christ should suffer these things and enter into his glory?" Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?”
27 And beginning with Moses and all the Prophets, he explained to them from all the Scriptures everything about himself. Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.
28 And they approached the village they were heading to, and he pretended to go farther. Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so.
29 But they insisted, "Stay with us—evening is near, the day nearly done." So he went in to stay with them. Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.
30 As he reclined with them, he took the bread, blessed it, broke it, and gave it to them. Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn.
31 And their eyes were opened, and they recognized him. And he vanished from their sight. Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae.
32 They said to each other, "Weren't our hearts burning within us as he spoke to us on the road, as he opened the Scriptures to us?" Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”
33 That same hour they got up, returned to Jerusalem, and found the eleven and those with them gathered together, Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
34 saying, "The Lord has risen indeed, and has appeared to Simon!" Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
35 And they told what happened on the road, and how he was recognized in the breaking of the bread. Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
36 As they spoke these things, Jesus himself stood among them and said to them, "Peace to you!" Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!”
37 But they were startled and frightened and thought they saw a spirit. Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman.
38 And he said to them, "Why are you troubled, and why do doubts arise in your hearts? Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me?
39 Look at my hands and my feet—it's really me. Touch me and see: a spirit has no flesh and bones, as you see I have." Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”
40 And when he had said this, he showed them his hands and his feet. Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
41 And while they still disbelieved for joy and were marveling, he said to them, "Do you have anything here to eat?" Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?”
42 They gave him a piece of broiled fish, Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto
43 and he took it and ate before them. ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
44 He said to them, "This is what I told you while still with you: everything written about me in the Law of Moses, the Prophets, and the Psalms had to be fulfilled." Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”
45 Then he opened their minds to understand the Scriptures, Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase.
46 and told them, "This is written: the Christ must suffer and rise from the dead on the third day, Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu.
47 and that repentance for the forgiveness of sins should be proclaimed in his name to all nations, beginning from Jerusalem. Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
48 You are witnesses of these things. Mone eyinom nyinaa ho nnansefo.
49 I am sending the promise of my Father on you. Stay in the city until you are dressed with power from on high." Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
50 And he led them out as far as Bethany, and lifting up his hands he blessed them. Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
51 While he blessed them, he parted from them and was carried up into heaven. Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
52 And they worshiped him and returned to Jerusalem with great joy, Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem.
53 and were continually in the temple blessing our Father. Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]