Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

John 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 In the beginning was the Word, and the Word was with our Father, and the Word was God. Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
2 He was in the beginning with our Father. Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.
3 All things were made through him, and without him not one thing was made that was made. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.
4 In him was life, and the life was the light of all people. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
5 The light shines in the darkness, and the darkness has not overcome it. Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.
6 There came a man sent from our Father, whose name was John. Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane.
7 He came as a witness, to bear witness about the light, so that all might believe through John's witness. Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
8 He was not the light, but came to bear witness about the light. Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa se ɔrebedi hann no ho adanse.
9 The true light, which gives light to everyone, was coming into the world. Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
10 He was in the world. The world came into being through him, yet did not know him. Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no.
11 He came to his own, and his own people did not receive him. Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu.
12 But to all who received him, believing in his name, he gave the right to become children of our Father, Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
13 children born not of blood nor of the will of flesh nor of the will of man, but of our Father. wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.
14 The Word became flesh and lived among us. We saw his glory, the glory of the one and only Son from the Father, full of grace and truth. Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.
15 John testified about him, crying out, "This is the one I meant: he who comes after me outranks me, since he existed before me." Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ”
16 For from his fullness we have all received, grace upon grace. Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.
17 For the law was given through Moses; grace and truth came through Jesus Christ. Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware.
18 No one has ever seen our Father; the one and only God, close beside the Father, has made him known. Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
19 This is John's testimony, when the Jews sent priests and Levites from Jerusalem to ask him, "Who are you?" Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?”
20 He confessed, and did not deny, but confessed, "I am not the Christ." Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ me ne Agyenkwa no.”
21 So they asked him, "What then? Are you Elijah?" "I am not," he said. "Are you the Prophet?" "No," he answered. Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?” Obuaa wɔn se, “Dabi.” Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.
22 So they asked, "Who are you? We need to give an answer to those who sent us. What do you say about yourself?" Wɔsan bisaa no se, “Ɛno de, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
23 He said, "I'm the voice of one crying out in the wilderness, 'Make straight the way of the Lord,' as the prophet Isaiah said." Yohane buaa wɔn se, “Mene nne a efi sare so a ɛteɛ mu sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no.’ ”
24 Now they had been sent from the Pharisees. Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se,
25 They asked him, "Why baptize, then, if you're not the Christ, nor Elijah, nor the Prophet?" “Sɛ ɛnyɛ wo ne Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”
26 John answered them, "I baptize with water, but among you stands one you do not know, Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no,
27 even he who comes after me, whose sandal strap I am not worthy to untie." a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”
28 These things took place in Bethany across the Jordan, where John was baptizing. Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
29 The next day, seeing Jesus coming toward him, he said, "Look! The Lamb of our Father—Jesus—who takes away the sin of the world! Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no!
30 This is the one I meant: 'After me comes a man who ranks before me, because he was before me.' Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’
31 I didn't know him, but I came baptizing with water so he would be revealed to Israel." Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
32 John testified: "I saw the Holy Spirit descend from heaven like a dove and remain on him. Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian afi ɔsoro.
33 I didn't know him, but the one who sent me to baptize with water told me, 'The one you see the Holy Spirit come down and stay on—he is the one who baptizes with the Holy Spirit.' Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’
34 And I have seen and have borne witness that this is the Son of our Father." Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”
35 The next day John was standing again with two of his disciples, Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohuu sɛ Yesu retwa mu.
36 and looking at Jesus as he walked by, he said, "Look! The Lamb of our Father!" Yohane hwɛɛ no kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guamma no!”
37 The two disciples heard him say this, and they followed Jesus. Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi.
38 Jesus turned, saw them following, and asked, "What do you seek?" They said, "Rabbi" (meaning Teacher), "where do you stay?" Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?”
39 He told them, "Come and you will see." So they went and saw where he was staying, and remained with him that day—about four in the afternoon. Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte na wɔne no tenaa hɔ fii awia nnɔnnan kosii anwummere.
40 One of the two who heard John speak and followed Jesus was Andrew, Simon Peter's brother. Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.
41 He first found his own brother Simon and told him, "We've found the Messiah" (meaning Christ). Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no).
42 He brought him to Jesus. Jesus looked at him and said, "You are Simon the son of John. You will be called Cephas" (meaning Peter). Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no).
43 The next day, Jesus decided to leave for Galilee. He found Philip and said, "Follow me." Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.”
44 Now Philip was from Bethsaida, the city of Andrew and Peter. Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no.
45 Philip found Nathanael and told him, "We've found the one Moses wrote of in the Law and the prophets—Jesus, son of Joseph, from Nazareth." Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”
46 Nathanael said, "Can anything good come from Nazareth?" Philip said, "Come and see." Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.”
47 Jesus saw Nathanael approaching and said of him, "Look—a true Israelite, with no deceit in him!" Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”
48 Nathanael asked him, "How do you know me?" Jesus answered, "Before Philip called you, while you were under the fig tree, I saw you." Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?” Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
49 Nathanael answered him, "Rabbi, you are the Son of our Father! You are the King of Israel!" Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”
50 Jesus answered him, "You believe because I told you I saw you under the fig tree? You'll see greater things than these." Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.
51 He told him, "Truly, truly, I say to you, you will see heaven opened, and our Father's angels ascending and descending on the Son of Man." Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ Onipa Ba no so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]