Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 23 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then the whole assembly rose and brought him before Pilate. Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim.
2 They began accusing him: "We found this man misleading our nation, forbidding taxes to Caesar, and claiming to be Christ, a king." Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
3 Pilate asked him, "Are you the King of the Jews?" He answered, "You say so." Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”
4 Then Pilate said to the chief priests and the crowds, "I find no guilt in this man." Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”
5 But they pressed on: "He stirs up the people, teaching all through Judea, from Galilee to here." Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”
6 When Pilate heard this, he asked whether the man was a Galilean. Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?”
7 Learning he was under Herod's authority, he sent him to Herod, who himself was also in Jerusalem in those days. Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
8 Seeing Jesus, Herod was delighted—he'd long wanted to see him, having heard about him, and hoped to see him perform a sign. Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ.
9 He questioned him at great length, but Jesus gave him no answer. Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano.
10 The chief priests and the scribes stood by, vehemently accusing him. Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so.
11 Herod and his soldiers scorned and mocked him, dressed him in bright clothing, and sent him back to Pilate. Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato.
12 That day Herod and Pilate became friends—they had been enemies before. Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
13 Pilate then called together the chief priests, the rulers, and the people, Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no,
14 and said to them, "You brought me this man as one turning the people away. I examined him before you and found no guilt in this man on your charges. ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ.
15 Neither did Herod, for he sent him back to us. Look, he has done nothing deserving death. Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ.
16 I will therefore discipline him and release him." Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
17 Not in this edition Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 But they all cried out together, "Away with this man! Release Barabbas to us!" Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.”
19 a man imprisoned for a rebellion that happened in the city, and for murder. Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.
20 Pilate addressed them once more, wanting to release Jesus, Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no.
21 but they kept shouting, "Crucify, crucify him!" Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
22 A third time he said to them, "Why? What wrong has this man done? I find no ground for death in him. So I will punish and release him." Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 But they kept shouting loudly, demanding he be crucified, and their voices prevailed. Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu.
24 So Pilate decided that their demand should be granted. Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn.
25 He released the man they asked for, jailed for rebellion and murder, but handed Jesus over to their will. Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.
26 Leading him away, they seized a man named Simon of Cyrene, coming in from the countryside, and put the cross on him to carry behind Jesus. Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi.
27 A great crowd of the people followed him, including women who were weeping and wailing for him. Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.
28 But Jesus turned to them and said, "Daughters of Jerusalem, don't cry for me; cry for yourselves and your children. Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma.
29 For the days are coming when they will say, 'Blessed are the barren, the wombs that never bore, the breasts that never nursed.' Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’
30 Then they'll begin saying to the mountains, "Fall on us," and to the hills, "Cover us." Saa bere no “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!” ’
31 For if they do this when the wood is green, what will happen when it's dry?" Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”
32 Two others, who were criminals, were also led away to be put to death with him. Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn.
33 When they reached the place called The Skull, they crucified him there with the criminals, one on his right, one on his left. Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.
34 Jesus said, "Father, forgive them, for they do not know what they are doing." Then they divided his garments, casting lots. Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.
35 The people stood watching; the rulers sneered, "He saved others—let him save himself, if he's God's Christ, the Chosen One." Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 The soldiers also mocked him, coming up to offer him sour wine, Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no
37 and saying, "If you are the King of the Jews, save yourself!" kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”
38 There was also an inscription over him: "This is the King of the Jews." Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se, “YUDAFO HENE NO NI.”
39 One of the hanged criminals insulted him: "Aren't you the Christ? Save yourself and us!" Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 But the other rebuked him: "Don't you even fear God, since you're under the same sentence? Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu.
41 Rightly so—we're paying for what we did; but this man has done nothing wrong." Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 Then he said, "Jesus, remember me when you come into your kingdom." Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”
43 And Jesus said to him, "Truly I tell you, today you will be with me in Paradise." Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”
44 It was already about noon, and darkness covered the whole land until three in the afternoon, Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa.
45 for the sun's light failed; and the curtain of the temple was torn in two. Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien.
46 Jesus called out loudly, "Father, into your hands I commit my spirit!" Then he breathed his last. Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
47 Seeing what happened, the centurion praised our Father: "This man really was righteous." Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.”
48 All the crowds gathered for this sight, seeing what happened, went home beating their chests. Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
49 All his acquaintances, and the women who followed him from Galilee, stood far off watching these things. Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.
50 Now there was a man named Joseph, a member of the council, a good and righteous man, Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no.
51 who had not agreed to their plan and action. He was from Arimathea, a Jewish town, and was waiting for the kingdom of our Father. Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so.
52 This man went to Pilate and asked for the body of Jesus. Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
53 He took it down, wrapped it in a linen cloth, and laid him in a rock-cut tomb where no one had yet been laid. Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu.
54 It was the day of Preparation, and the Sabbath was about to begin. Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.
55 Women who came with him from Galilee followed, saw the tomb, and how his body was placed. Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae.
56 They went back and prepared spices and ointments, then rested on the Sabbath as commanded. Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no, nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]