Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 22 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Now the Feast of Bread Without Yeast, called Passover, was approaching. Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn.
2 The chief priests and the scribes were looking for a way to kill him, because they feared the people. Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro.
3 Then Satan entered into Judas, the one called Iscariot, who was one of the twelve. Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu.
4 He went and conferred with the chief priests and temple officers how he might betray him to them. Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.
5 They were glad and agreed to give him money. Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika.
6 He agreed and began looking for an opportunity to betray him to them away from the crowd. Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
7 Then the day of Unleavened Bread arrived, when the Passover lamb had to be sacrificed. Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no,
8 Jesus sent Peter and John, saying, "Go prepare the Passover for us to eat." Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”
9 They said to him, "Where do you want us to prepare it?" Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
10 He said, "Once you enter the city, a man carrying a jar of water will meet you. Follow him into the house he enters, Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu,
11 "and tell the owner of the house, 'The Teacher says to you: Where is the guest room where I may eat the Passover with my disciples?' na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’
12 And he will show you a large upper room, furnished; prepare it there." Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”
13 They went and found it just as he had told them, and they prepared the Passover. Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
14 When the hour came, he reclined at table, and the apostles with him. Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho.
15 He told them, "I have deeply longed to eat this Passover with you before I suffer. Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ.
16 For I tell you, I won't eat it until it's fulfilled in the kingdom of our Father." Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”
17 Taking a cup and giving thanks, he said, "Take this and divide it among yourselves. Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi.
18 For I tell you, from now on I will not drink the vine's fruit until our Father's kingdom comes." Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”
19 He took bread, gave thanks, broke it, and gave it to them, saying, "This is my body, given for you. Do this in memory of me." Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”
20 He did the same with the cup after supper: "This cup is the new covenant in my blood, poured out for you. Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa.
21 But look—the hand of the one who betrays me is with me on the table. Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama.
22 The Son of Man goes as determined, but woe to that man through whom he is handed over!" Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”
23 They began asking each other which of them would do this. Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.
24 A dispute also arose among them about which of them was the greatest. Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu.
25 He said to them, "Kings of nations dominate them, and rulers over them are called benefactors. Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye.
26 Not so with you: let the greatest among you become like the youngest, the leader like the one serving. Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo.
27 Who is greater—the guest at the table or the one serving? The guest, isn't it? Yet I am among you as one who serves. Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo.
28 "You are those who have stayed with me in my trials, Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam.
29 and I confer on you a kingdom, just as my Father conferred one on me, Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.
30 so you'll eat and drink at my table in my kingdom, and sit on thrones judging the twelve tribes of Israel." Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”
31 "Simon, Simon, listen—Satan has demanded to sift all of you like wheat, Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.
32 but I prayed for you, that your faith not fail. Once you have turned back, strengthen your brothers." Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”
33 Peter said, "Lord, I'm ready to go with you to prison and death." Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
34 Jesus said, "I tell you, Peter: the rooster won't crow today before you deny three times that you know me." Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 He asked, "When I sent you without money bag, knapsack, or sandals, did you lack anything?" "Nothing," they said. Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?” Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
36 He said to them, "But now, let the one with a money bag take it, and a knapsack too. Let the one without a sword sell his cloak and buy one. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi.
37 For I tell you this Scripture must be fulfilled in me: 'He was counted among sinners.' For what is written about me is coming true." Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 They said, "Lord, look, here are two swords." He said to them, "It is enough." Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.” Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”
39 And he went out, as usual, to the Mount of Olives, and the disciples followed him. Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho.
40 When he reached the place, he told them, "Pray you don't give in to temptation." Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
41 And he withdrew from them about a stone's throw, and knelt down and prayed, Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se,
42 saying, "Father, if you are willing, take this cup from me. Yet not my will, but yours, be done." “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ”
43 And an angel from heaven appeared to him, strengthening him. Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
44 In agony he prayed more intensely; his sweat became like great drops of blood falling down to the ground. Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.
45 When he rose from prayer, he came to the disciples and found them asleep from grief, Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda.
46 he said to them, "Why are you sleeping? Get up and pray, so you don't yield to temptation." Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
47 While he was still speaking, a crowd came, led by the one called Judas, one of the twelve. He came up to Jesus to kiss him, Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono.
48 but Jesus said to him, "Judas, would you betray the Son of Man with a kiss?" Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”
49 Seeing what was about to happen, those with him said, "Lord, should we strike with the sword?" Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?”
50 And one of them struck the servant of the high priest and cut off his right ear. Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
51 But Jesus answered, "No more of this!" And he touched the ear and healed him. Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.
52 Then Jesus said to the chief priests, temple officers, and elders who had come out against him, "Have you come out with swords and clubs, as against a robber? Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi?
53 Every day I was with you in the temple, and you didn't lay hands on me. But this is your hour, and the authority of darkness." Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”
54 Seizing him, they led him and brought him into the high priest's house; Peter followed at a distance. Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi.
55 They lit a fire in the middle of the courtyard and sat together; Peter sat among them. Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.
56 But a servant girl, seeing him sitting facing the light, stared at him and said, "This one too was with him." Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
57 But he denied it, saying, "Woman, I do not know him." Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Shortly after, another saw him and said, "You too are one of them." But Peter said, "Man, I'm not." Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.” Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”
59 About an hour later, another insisted, "This man was certainly with him, for he's a Galilean too." Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 But Peter said, "Man, I don't know what you're saying." Immediately, while he was still speaking, the rooster crowed. Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee.
61 The Lord turned and looked at Peter. Peter remembered what the Lord had told him: "Before the rooster crows today, you will deny me three times." Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,
62 And he went out and wept bitterly. Petro de awerɛhow fii adi kosui.
63 Now the men who were holding Jesus mocked him as they beat him. Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,
64 They blindfolded him and kept asking, "Prophesy! Who is it that struck you?" san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.”
65 And they said many other things against him, insulting him. Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
66 At daybreak, the people's council of elders convened—chief priests and scribes—and led him away to their council, saying, Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim
67 "If you are the Christ, tell us." He said to them, "If I tell you, you will not believe, bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni,
68 "and if I ask you, you will not answer. na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me.
69 "But from now on the Son of Man will sit at the right hand of the power of our Father." Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”
70 They all said, "So you are the Son of God?" He said to them, "You say that I am." Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?” Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”
71 They said, "What more testimony do we need? For we heard it ourselves from his mouth." Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]