Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 21 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Looking up, Jesus saw the rich putting their gifts into the temple treasury. Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu.
2 He also saw a poor widow putting in two small copper coins. Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu.
3 "Truly I tell you," he said, "this poor widow has put in more than all the others. Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa.
4 For all these gave gifts from their surplus, but she gave from her poverty all she had to live on." Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”
5 As some were speaking of the temple, decorated with fine stones and gifts dedicated to our Father, he said: Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se,
6 "As for what you're looking at, days are coming when not one stone will be left on another—every one will be thrown down." “Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
7 "Teacher," they asked, "when will these things happen, and what sign will show these things are about to happen?" Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”
8 "Watch out, don't be deceived," he said. "Many will come in my name, saying, 'I am he,' and, 'The time is near.' Don't follow them. Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
9 When you hear of wars and revolts, don't panic. These must come first, but the end won't follow at once." Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”
10 Then he said to them, "Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom. Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so.
11 Great earthquakes will strike, with famines and plagues in various places, and terrors and great signs from heaven. Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.
12 But before all this, they'll grab you and persecute you, handing you over to synagogues and prisons, hauling you before kings and governors because of my name. “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim.
13 This will be your opportunity to bear witness. Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse.
14 So settle in your hearts not to prepare your defense beforehand, Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
15 for I will give you words and wisdom no opponent can resist or refute. Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.
16 You will be betrayed even by parents and brothers and relatives and friends, and they will kill some of you. Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi.
17 You will be hated by everyone for my name's sake. Na me nti nnipa bɛtan mo.
18 But not a hair of your head will perish. Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera.
19 By your endurance you will gain your lives." Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”
20 "When you see Jerusalem surrounded by armies, then know that its desolation has drawn near. “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn.
21 Then let those in Judea flee to the mountains, let those in the city leave, and let those in the countryside not enter it, Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara.
22 for these are days of judgment, when all that is written will be fulfilled. Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu.
23 How terrible it will be for pregnant women and nursing mothers in those days! For great distress will fall on the land, and wrath against this people. Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so.
24 They will fall by the edge of the sword and be led captive into all nations. Jerusalem will be trampled by the nations until the times of the nations are fulfilled." Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”
25 "There will be signs in sun, moon, and stars, and on earth, nations in distress, confused by the sea's roar and surge. “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so.
26 People fainting from fear, dreading what's coming on the world, for the powers of the heavens will be shaken. Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so.
27 Then they will see the Son of Man coming in a cloud with power and great glory. Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
28 When these things start, straighten up and lift your heads, for your redemption is near." Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”
29 Then he told them a parable: "Look at the fig tree and all the trees. Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.
30 When they sprout leaves, you see for yourselves and know summer is already near. Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu.
31 Likewise, when you see these things happen, know the kingdom of our Father is near. Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.
32 Truly I tell you, this generation will not pass away until all these things have taken place. “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
33 Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away." Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
34 "Watch yourselves, or your hearts will be weighed down by wild living, drunkenness, and life's worries, and that day will spring on you suddenly, like a trap. “Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu.
35 For it will come upon everyone living on the face of the whole earth. Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.
36 Keep watch at all times, praying for strength to escape everything about to happen, and to stand before the Son of Man." Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”
37 By day he taught in the temple; at night he went out and stayed on the Mount of Olives. Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome.
38 All the people would come to him at dawn in the temple to hear him. Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]