Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 20 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 One of those days, as Jesus taught the people in the temple and preached good news, the chief priests and scribes came up with the elders, Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se,
2 and asked him, "Tell us by what authority you do these things, or who gave you this authority." “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?”
3 He answered them, "I also will ask you a question. Tell me: Yesu buaa wɔn se, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.
4 Was the baptism of John from heaven, or from man?" Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?”
5 They discussed among themselves: "If we say, 'From heaven,' he'll say, 'Why didn't you believe him?' Wɔfaa ho adwene kae se, “Sɛ yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ‘ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?’
6 But if we say 'From man,' all the people will stone us, for they're convinced John was a prophet." Sɛ nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
7 So they answered that they did not know where it came from. Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”
8 And Jesus said to them, "Neither will I tell you by what authority I do these things." Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”
9 He began telling the people this parable: A man planted a vineyard, leased it to tenants, then went abroad for a long time. Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe.
10 "At harvest he sent a servant to the tenant farmers for his share of the vineyard's fruit, but they beat him and sent him away empty-handed. Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan.
11 He sent another servant; they beat him too, humiliated him, and sent him away empty-handed. Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.
12 And he sent yet a third, but they wounded this one too and threw him out. Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.
13 The vineyard owner said, 'What should I do? I will send my beloved son; perhaps they will respect him.' “Eyi maa bobeturo wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.’
14 But seeing him, the tenants reasoned among themselves: 'This is the heir. Let's kill him, so the inheritance becomes ours.' “Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no.’
15 They threw him out of the vineyard and killed him. What then will the vineyard owner do to them? Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no. “Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi?
16 "He will come, destroy those tenants, and give the vineyard to others." Hearing this, they said, "Impossible!" Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.” Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!”
17 He looked straight at them and asked, "Then what is this that's written: 'The stone the builders rejected became the cornerstone'? Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se, “ ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?
18 Everyone who falls on that stone will be broken to pieces, and when it falls on anyone, it will crush him." Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
19 The scribes and chief priests wanted to arrest him then and there, knowing he'd told this parable against them—but they feared the people. Esiane sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti na wosuro.
20 Watching closely, they sent spies pretending to be honest, to catch him in his words, so as to hand him over to the governor's rule and authority. Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
21 They asked him, "Teacher, we know you speak and teach rightly, favor no one, but truly teach God's way. Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
22 Is it lawful for us to pay taxes to Caesar, or not?" Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”
23 But he saw through their cunning and said, Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
24 "Show me a coin worth a day's wages. Whose image and inscription is on it?" They said, "Caesar's." “Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare dea.”
25 He said to them, "Then give Caesar what's Caesar's, and our Father what's our Father's." Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
26 They could not trap him in his words before the people, and amazed at his answer, they fell silent. Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.
27 Some Sadducees, who deny there is a resurrection, came and asked him, Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
28 "Teacher, Moses wrote for us: if a man dies leaving a wife but no children, his brother must marry the widow and raise offspring for him. “Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, sɛ ɔbarima bi wɔ ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no.
29 Now there were seven brothers. The first took a wife and died childless. Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui.
30 And the second, Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui.
31 and the third took her, and likewise all seven left no children and died. Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui.
32 Finally the woman also died. Akyiri no ɔbea no nso wui.
33 At the resurrection, then, whose wife will she be? For all seven had married her." Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?”
34 And Jesus said to them, "The people of this age marry and are given in marriage, Yesu buae se, “Asase yi so na nnipa dwene aware ho.
35 "But those considered worthy to reach that age and the resurrection from the dead neither marry nor are given in marriage. Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn.
36 For they can no longer die, because they are like angels and children of our Father, children of the resurrection. Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.
37 But even Moses showed the dead are raised, at the bush passage, calling our Father the God of Abraham and of Isaac and of Jacob. Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din.
38 He isn't God of the dead but of the living, for all are alive to him." Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”
39 Then some of the scribes answered, "Teacher, you have spoken well." Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.”
40 For they no longer dared to ask him anything. Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
41 But he said to them, "How can they say that the Christ is the son of David? Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba?”
42 For David himself says in the Psalms, 'Our Father said to my Lord, "Sit at my right hand, Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se, “Awurade ka kyerɛɛ me wura se: ‘Tena me nifa so
43 until I make your enemies a footstool for your feet."' kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.’
44 David then calls him Lord—how is he his son?" Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
45 While all the people were listening, he said to his disciples, Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
46 "Watch out for the scribes, who want to walk in long robes, and love greetings in the marketplaces, the best seats in synagogues, and places of honor at feasts, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea.
47 who devour widows' houses and pray long prayers for show. They will receive greater condemnation." Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]